Fa Video Ahorow a Etumi Kyerɛkyerɛ no Di Dwuma
1. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam mfonini so kyerɛkyerɛɛ n’asomfo a wɔtraa ase tete no, na dɛn na efii mu bae?
1 Tete no, na ɛtɔ mmere bi a Yehowa nam anisoadehu ne dae so ka nsɛm a ɛho hia kyerɛ n’asomfo. Wo de susuw Hesekiel anisoadehu a ɛfa Yehowa ɔsoro teaseɛnam ho no ho hwɛ. (Hes. 1:1-28) Susuw sɛnea Daniel tee nka bere a ɔsoo nkɔmhyɛ kwan so dae a na ɛrekyerɛ wiase tumidi ahorow a ɛbɛba ntoatoaso no ho hwɛ. (Dan. 7:1-15, 28) Na nneɛma a ebesisi wɔ “Awurade da” no ho anisoadehu a ɛyɛ ahodwiriw a “ɔnam nsɛnkyerɛnne” so yi kyerɛɛ ɔsomafo Yohane no nso ɛ? (Adi. 1:1, 10) Yehowa nam mfonini a ɛyɛ fɛ ne nnwuma a tumi wom so kyerɛkyerɛɛ wɔn, na nsɛm no kaa wɔn tirim.
2. Video ahorow bɛn na yebetumi de akyerɛkyerɛ afoforo Bible mu nokware no?
2 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ Bible mu nokware mu kyerɛ afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn werɛ remfi ntɛm a, yɛn nso yebetumi de video ahorow no akyerɛkyerɛ. Yɛn video ahorow no ka nneɛma pii ho asɛm na ɛboa yɛn ma yenya Bible no, Yehowa ahyehyɛde no ne nnyinasosɛm a ɛma yɛyɛ Kristofo amapa no mu ahotoso. Susuw akwan a yebetumi afa so de yɛn video ahorow no akyerɛkyerɛ no ho hwɛ. Yebetumi de video ahorow a edidi so yi mu biara adi dwuma.
3. Dɛn na wubetumi de adi dwuma de atwe Bible suani bi adwene aba ahyehyɛde no so?
3 Wɔ Asɛnka Mu: So wotaa ka yɛn wiase nyinaa Kristofo nuayɛkuw no ho asɛm kyerɛ wo Bible suani? Yi Our Whole Association of Brothers video no kyerɛ no. Wubetumi de ama no ma wahwɛ ansa na woakɔ hɔ anaa wubetumi ne no ahwɛ abom bere foforo a wobɛkɔ hɔ no. Afei munsusuw nsɛmmisa a ɛwɔ June 2002 Yɛn Ahenni Som mu no ho.
4. Nnwinade a wɔde kyerɛkyerɛ bɛn na ɔbabun a ɔyɛ Ɔdansefo betumi de adi dwuma wɔ sukuu mu?
4 Mmabun, mubetumi ne mo akyerɛkyerɛfo asusuw ho ahwɛ sɛ ebia wɔbɛma mo kwan ma moayi video ahorow Jehovah’s Witnesses Stand Firm Against Nazi Assault anaa Faithful Under Trials—Jehovah’s Witnesses in the Soviet Union video no akyerɛ mo adesuakuw mufo no anaa. Munsiesie nsɛmmisa bi te sɛ nea ɛwɔ June 2001 anaa February 2003 Yɛn Ahenni Som mu no na mo ne mo adesuakuw mufo no mfa nsusuw ho.
5. Video bɛn na awofo betumi de ayɛ wɔn abusua adesua ahorow?
5 Abusuafo ne Nnamfo: Awofo, munsusuw sɛnea mo mma anyin fi bere a edi kan a wɔhwɛɛ Young People Ask—How Can I Make Real Friends? video no ho nhwɛ. Dɛn nti na monsan nhwɛ bio wɔ mo abusua adesua a edi hɔ no ase? April 2002 Yɛn Ahenni Som no kura nsɛmmisa a ɛyɛ anigye a mubetumi de asusuw ho.
6. Ɔkwan bɛn so na wubetumi ne wo nnamfonom ahyiam agye mo ani?
6 So wowɔ nnamfo wɔ asafo no mu a wobɛpɛ sɛ woto nsa frɛ wɔn ba wo fie? Sɛ mobom hwɛ Respect Jehovah’s Authority video no anwummere na ne titiriw no ɛno akyi mode nsɛmmisa a ɛwɔ September 2004 Yɛn Ahenni Som mu no di dwuma a, mo ani begye.
7. Hokwan ahorow bɛn na wususuw sɛ wubetumi de yɛn video ahorow no adi dwuma?
7 Hokwan Afoforo: Ɔkwan foforo bɛn so na wubetumi de yɛn video ahorow 20 no adi dwuma ma ɛso aba mfaso? Sɛ wuyi emu biako anaa abien kyerɛ obi a wotaa kɔ ne hɔ sankɔhwɛ a, so ɛbɛboa no ma wanya honhom fam nkɔso? So wubetumi akoyi video ahorow yi wɔ nteteebea anaa mmeae a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim? So video ahorow no bɛma w’abusuafo a wɔnyɛ Adansefo, w’afipamfo ne wo mfɛfo adwumayɛfo akyerɛ asɛm no ho anigye? Yɛn video ahorow no yɛ fɛ, ɛkyerɛkyerɛ na etu mpɔn. Enti fa kyerɛkyerɛ afoforo.