Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/06 kr. 1
  • ‘Munni M’akyi Daa’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Munni M’akyi Daa’
  • Yɛn Ahenni Som—2006
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woda Ahofama Adi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Yɛnte Ase Mma Yɛn Ho Bio
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Suasua Yesu Na Boa Afoforo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Di Yesu Akyi Daa
    Yɛn Ahenni Som—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2006
km 5/06 kr. 1

‘Munni M’akyi Daa’

1 Nnipa dodow no ara yɛ nea wɔpɛ wɔ asetram, nanso wɔntaa nnya anigye. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yesu de ayamye a wɔda no adi kyerɛ afoforo ma wonya anigye ankasa no ho nyansahyɛ mae. (Aso. 20:35) Ɔkae sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi . . . na onni m’akyi daa.” (Mar. 8:34) Ɛnyɛ nea eyi kyerɛ ara ne sɛ yɛde anigyede bi bɛkame yɛn ho bere ne bere mu. Nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛrenyɛ nea yɛpɛ na mmom yɛbɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani.—Rom. 14:8; 15:3.

2 Susuw nhwɛso a ɔsomafo Paulo yɛe no ho hwɛ. Esiane ‘Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛkyɛn so no nti,’ Paulo gyaw honam fam nneɛma a na ɛbɛma wadi yiye no hɔ, na otuu ne ho sii hɔ de trɛw Ahenni nneɛma mu. (Filip. 3:7, 8) Ɔkae sɛ: “Na me de, mifi anigye kɛse mu de me ho nneɛma bɛma na mede me ho ama” de asom afoforo. (2 Kor. 12:15) Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na mede me bere, m’ahoɔden, me dom akyɛde, ne m’ahonyade redi dwuma? So mede m’adwene asi nea mepɛ nkutoo so, anaasɛ merehwehwɛ sɛ mɛsɔ Yehowa ani?’

3 Hokwan a Yɛde Bɛda Ayamye Adi: Afe biara Onyankopɔn nkurɔfo de nnɔnhwerew bɛboro ɔpepepem biako yɛ Ahenni ho asɛmpaka adwuma a egye nkwa no. Mpanyin ne mmofra a wɔwɔ asafo no mu no yɛ nnwuma a ɛboa afoforo. Wɔyɛ nnwuma pii wɔ nhyiam nketewa ne akɛse ase, na wɔde wɔn ho hyɛ adansi ne nnwuma a wɔyɛ de siesie adan a yɛde trɛw nokware som mu no mu. Afei susuw anuanom a wofi ɔdɔ mu de mmoa ma a wɔsom wɔ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw ne Ayarefo Nsrahwɛ Akuw mu no ho hwɛ. Ahofama a ɛtete saa nyinaa yɛ nhyira ma yɛn Kristofo nuayɛ kuw no!—Dw. 110:3.

4 Yenya hokwan boa afoforo bere a asiane bi asi anaa afoforo ho akyere wɔn no. Nanso mpɛn pii no, nhumu a yɛde bɛyɛ adwuma no bɛma yɛahu sɛ yɛn yɔnko Kristoni bi hia mmoa anaa nkuranhyɛ. (Mmeb. 17:17) Sɛ yefi yɛn pɛ mu tu yɛn ho ma som afoforo de trɛw Ahenni nneɛma mu a, na yɛredi Yesu nhwɛso akyi. (Filip. 2:5-8) Ɛmmra sɛ yɛbɛbɔ yɛn ho mmɔden ayɛ saa bere nyinaa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena