Kyerɛ Afoforo Ho Anigye—Denam Nkamfo a Wode Bɛma So
1 Nkamfo a efi komam hyɛ nkurɔfo nkuran, ɛkanyan wɔn ma wɔyɛ ade, na ɛma wɔn ani gye. Adawurubɔfo pii ahu sɛ asɛntiaa bi a wofi komam ka de kamfo nkurɔfo no ma wɔtaa tie wɔn wɔ asɛnka mu. Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so akamfo nkurɔfo bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ wɔn no?
2 Hyɛ Ade Nsow: Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no huu asafo ason a na ɛwɔ Asia Kumaa nneyɛe pa no. (Adi. 2:2, 3, 13, 19; 3:8) Saa ara na nnipa a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no ho anigye a yɛbɛkyerɛ no bɛka yɛn ma yɛahwehwɛ hokwan de akamfo wɔn. Sɛ nhwɛso no, ofie a ɛho tew, ɔwofo a ɔhwɛ ne mma yiye, ofiewura a ɔtew n’anim serew na okyia yɛn no ma yenya hokwan de kamfo wɔn. So wuhu hokwan ahorow yi ntɛm, na wode di dwuma?
3 Yɛ Otiefo Pa: Sɛ woreka asɛm akyerɛ afoforo a, ma wɔnkyerɛ wɔn adwene denam nsɛm a ɛfata a wubebisa wɔn no so. Tie nea wɔka no yiye fa kyerɛ sɛ wubu wɔn. (Rom. 12:10) Ɛda adi sɛ wubenya biribi a wubetumi agyina so akamfo wɔn na wo ne wɔn asusuw asɛm bi a mo baanu nyinaa adwene hyia wɔ ho ho.
4 Da Nhumu Adi: Sɛ ofiewura no ka biribi a ɛne Bible mu nokware no nhyia a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Sɛ́ anka wo ne ofiewura no renyɛ adwene wɔ asɛm bi a ɛnteɛ a ɔkae ho no, da no ase wɔ nea waka no ho na toa so ka biribi te sɛ “mitumi hu sɛ w’ani gye asɛm yi ho paa.” (Kol. 4:6) Sɛ obi yɛ okyinnyegyefo mpo a, mpɛn pii no yebetumi akamfo no wɔ anigye ankasa a ɔkyerɛ wɔ asɛm no ho no ho. Odwo a yɛde bɛkasa saa no betumi adwudwo obi a ɛte sɛ nea ɔsɔre tia asɛmpa no denneennen no.—Mmeb. 25:15.
5 Sɛ yefi komam kamfo nkurɔfo a, ɛso ba mfaso kɛse. Ɔkasa a ɛhyɛ afoforo nkuran saa no hyɛ Yehowa anuonyam na ɛma afoforo kyerɛ Ahenni asɛm no ho anigye.