Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/07 kr. 1
  • Wɔde Ademude Bi Ahyɛ Yɛn Nsa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔde Ademude Bi Ahyɛ Yɛn Nsa
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Wo Koma Si Honhom Fam Ademude So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Kyerɛ Hokwan a Woanya De Reka Asɛm no Ho Anisɔ
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • Yɛn Ademude, Nnɛyi Ɔsom Adwuma A Anuonyam Wom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Kyerɛ Akyɛde Ahorow a Yenhu No Ho Anisɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2007
km 2/07 kr. 1

Wɔde Ademude Bi Ahyɛ Yɛn Nsa

1 Ná ɔsomafo Paulo bu ahyɛde a Onyankopɔn de ama no sɛ ɔnka asɛm no sɛ ɛsom bo, na ɔkaa ho asɛm sɛ ɛyɛ “ademude.” (2 Kor. 4:7) Ɔfaa ahokyere ne ɔtaa pii mu bere a ɔreka asɛm no. Ɔde nsi kaa asɛm no kyerɛɛ obiara a ohyiaa no. Ɔfaa po so ne asase so tutuu akwan pii a na ɛyɛ hu. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Paulo na yɛada no adi sɛ yɛn asɛnka adwuma no som bo ma yɛn? (Rom. 11:13) Dɛn na ɛma yɛn asɛnka adwuma no yɛ ademude a ɛkyɛn so?

2 Ademude a Ɛsen Biara: Mpɛn pii no, amanehunu bata ademude a wɔhwehwɛ wɔ asase so ho, na ɛso nni mfaso ahe biara. Nanso yɛn asɛnka adwuma no de, ɛma yɛne afoforo nya mfaso afebɔɔ. (1 Tim. 4:16) Ɛboa nnipa komapafo ma wohu Yehowa, wɔyɛ nsakrae a ehia wɔ wɔn asetra mu, na wonya daa nkwa ho anidaso ankasa. (Rom. 10:13-15) Sɛ yebu yɛn asɛnka adwuma no sɛ ɛsom bo paa a, yenya asetra a edi mu, akomatɔyam ankasa, ne daakye ho anidaso a ɛyɛ anigye.—1 Kor. 15:58.

3 Da no Adi sɛ W’ademude no Ho Hia Wo: Mpɛn pii no, nea yɛpɛ sɛ yɛde bɔ afɔre wɔ biribi ho no na ɛkyerɛ sɛnea ade no ho hia yɛn fa. Hwɛ hokwan ara a ɛyɛ sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden beyi Yehowa ayɛ! (Efe. 5:16, 17) Ɛsɛ sɛ sɛnea yɛde yɛn bere di dwuma no da no adi sɛ honhom fam nneɛma ho hia yɛn sen honam fam de. Esiane sɛ yɛwɔ biribi a ɛsom bo paa nti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsi wɔ asɛnka adwuma no mu, na yɛma yɛn ani da hɔ de hokwan biara a yebenya ka asɛm no.

4 Wɔntaa mfa ademude a ɛsom bo nsie, mmom no, wɔma nnipa nyinaa hu. Sɛ yebu yɛn asɛnka adwuma no sɛ ademude a, ɛbɛyɛ yɛn asetra mu ade titiriw. (Mat. 5:14-16) Momma yemfi yɛn koma nyinaa mu nsuasua ɔsomafo Paulo bere nyinaa na yɛmfa hokwan biara a yebenya nkyerɛ sɛ yebu yɛn asɛnka adwuma no sɛ ademude ankasa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena