Nkaedi Ho Nkaebɔ
Afe yi Nkaedi no si Dwoda, April 2. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hyɛ nsɛm a edidi so yi nsow.
◼ Sɛ morehyɛ bere a mode bɛyɛ Nkaedi no a, monhwɛ sɛ owia bɛtɔ ansa na wɔde abodoo ne bobesa no afa nnipa no anim.
◼ Ɛsɛ sɛ moka bere pɔtee ne beae a mubedi afahyɛ no kyerɛ obiara, a ɔkasafo no nso ka ho.
◼ Ɛsɛ sɛ munya abodoo ne bobesa a ɛfata sisi hɔ.—Monhwɛ February 15, 2003, Ɔwɛn-Aban, kratafa 14-15.
◼ Ɛsɛ sɛ mudi kan de mprɛte, glass ne ɔpon so tam a ɛfata kɔ asa no so kɔhyehyɛ. Sɛ ɔkasa no rekɔ so a, ɛnsɛ sɛ wɔde biribiara kata abodoo ne bobesa no so.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo no hwɛ March 2004 Yɛn Ahenni Som, kratafa 3, nkyekyɛm 3 kosi 5 bere a wɔresiesie Ahenni Asa no so anaa beae foforo a mubehyia no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenyɛ kyenkyerenn. Ɛsɛ sɛ mudi kan siesie hɔ yiye ansa na bere no aso.
◼ Ɛsɛ sɛ mudi kan paw wɔn a wobegye ahɔho ne wɔn a wɔde abodoo ne bobesa no bɛfa nnipa no anim no na mokyerɛ wɔn nnwuma a wɔbɛyɛ, ɔkwampa a wɔbɛfa so ayɛ no, ne hia a ehia sɛ wosiesie wɔn ho ma ɛfata.
◼ Ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛe de abodoo ne bobesa no bi kɔma wɔn a wɔasra wɔn no mu biara a ahoɔden a onni nti ontumi mma no.
◼ Sɛ asafo abien anaa nea ɛboro saa na wobehyiam wɔ Ahenni Asa koro so a, ɛnsɛ sɛ wɔn a wobedi kan ayɛ no di boro bere a ɛsɛ sɛ wɔde yɛ no so. Ɛsɛ sɛ nkitahodi pa kɔ so wɔ asafo ahorow no ntam na wɔankɔkyere so sɛnea ɛnsɛ wɔ abrannaa no so anaa apon no ano, anammɔn kwan a wɔfa so, ne beae a wɔde kar sisi no.