Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/07 kr. 1
  • Yɛn Ani Sɔ Hokwan Ahorow a Yɛwɔ no Yiye!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn Ani Sɔ Hokwan Ahorow a Yɛwɔ no Yiye!
  • Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wopɛ Sɛ Wunya Ɔsom Adwuma Mu Kyɛfa Pii?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ma W’ani Nnye Sɛ Woanya Hokwan ne Yehowa Reyɛ Adwuma!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • So Woanya Ɔsom Hokwan Bi Pɛn? So Wubetumi Asom Bio?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Krataa a Efi Akwankyerɛ Kuw no Hɔ
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2007
km 8/07 kr. 1

Yɛn Ani Sɔ Hokwan Ahorow a Yɛwɔ no Yiye!

1 Wɔ adesamma asetra mu nyinaa no, Yehowa de hokwan ahorow pii ama n’asomfo. Ɛmfa ho sɛ wɔyɛ mmea anaa mmarima, mfe a wɔadi, anaa wɔn asetra mu dibea no, Yehowa ama wɔn hokwan ahorow. (Luka 1:41, 42; Aso. 7:46; Filip. 1:29) Hokwan ahorow bɛn na ɔde ma yɛn nnɛ?

2 Hokwan Ahorow a Yɛwɔ no Bi: Yɛanya hokwan sɛ Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn. (Mat. 13:11, 15) Hokwan foforo a yɛwɔ ne sɛ yɛma mmuae wɔ asafo nhyiam ase de yi Yehowa ayɛ. (Dw. 35:18) Sɛ yenya hokwan sɛ yɛbɛma mmuae a, yɛde anigye yɛ saa. Saa ara nso na sɛ yebu dwumadi biara a wɔde ma yɛn wɔ asafo no mu sɛ hokwan a yɛanya a, yɛbɛyɛ no sɛnea yebetumi biara. So yɛde yɛn ho hyɛ hokwan a yenya sɛ yebesiesie Ahenni Asa so na ɛho atew no mu daa?

3 Ɛwom sɛ nnipa ɔpepem pii ntumi nhu sɛ Onyankopɔn tie wɔn mpaebɔ de, nanso yɛn de, yɛanya hokwan sɛ Nea ɔsen obiara wɔ amansan no mu no tie yɛn mpaebɔ. (Mmeb. 15:29) Yehowa ankasa na otie n’asomfo mpaebɔ. (1 Pet. 3:12) Onsiw yɛn kwan sɛ yɛbɛbɔ no mpae mpɛn dodow biara a yɛpɛ. Hwɛ akyɛde a ɛsom bo araa a yɛwɔ sɛ yebetumi abɔ mpae “bere biara”!—Efe. 6:18.

4 “Nyankopɔn Mfɛfo Adwumayɛfo”: Hokwan kɛse biako a yɛwɔ ne sɛ yɛbɛbɔ Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no ho dawuru sɛ “Nyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.” (1 Kor. 3:9) Eyi yɛ adwuma a ɛma yenya akomatɔyam na ɛhyɛ yɛn den. (Yoh. 4:34) Ɛho nhia sɛ Yehowa de nnipa yɛ adwuma yi, nanso esiane sɛ ɔdɔ yɛn nti na ɔde adwuma yi ahyɛ yɛn nsa. (Luka 19:39, 40) Saa a Yehowa ayɛ no kyerɛ sɛ wamfa hokwan yi amma obiara kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ asɛnka adwuma no bi no da no adi sɛ wɔfata, na wɔkɔ so yɛ nea wɔhwehwɛ fi wɔn hɔ wɔ Onyankopɔn som mu. (Yes. 52:11) So yɛda no adi sɛ ɔsom adwuma yi yɛ ade titiriw wɔ nea yɛyɛ dapɛn biara no mu de kyerɛ sɛ yebu hokwan yi sɛ ɛsom bo?

5 Hokwan ahorow a yenya fi Yehowa hɔ no ma yenya atirimpɔw wɔ asetra mu. (Mmeb. 10:22) Mmu no adewa da! Sɛ yɛda no adi sɛ yɛn ani sɔ ɔsom mu hokwan ahorow a yɛwɔ no a, yɛsɔ yɛn soro Agya, Nea ɔde “akyɛde pa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ biara” ma no ani.—Yak. 1:17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena