Munni Yesu Nhwɛso Akyi
1. Nhwɛso bɛn na Yesu yɛe?
1 Sɛ yɛreyɛ asuafoyɛ adwuma no a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛn nhwɛso betumi anya wɔn a wohu yɛn no so tumi kɛse. Yesu nam nsɛm a ɔkae ne ne nneyɛe so kyerɛkyerɛe. Wɔn a wohuu no no huu nsi a na ɔwɔ, ɔdɔ a na ɔwɔ ma nnipa, n’adwene a ɔde sii n’Agya din a ɔbɛtew ho so, ne ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔbɛyɛ n’Agya apɛde no.—1 Pet. 2:21.
2. Akwan bɛn so na yɛn nhwɛso betumi aka wɔn a yɛne wɔn yɛ asɛnka adwuma no?
2 Bere a Yɛreyɛ Afie Afie Asɛnka Adwuma No: Yɛn nhwɛso nya wɔn a yɛne wɔn reyɛ adwuma no so nkɛntɛnso sɛnea Yesu nhwɛso nyaa afoforo so nkɛntɛnso no ara pɛ. Sɛ adawurubɔfo a wɔyɛ foforo koraa ne wɔn a wɔn ho nkokwawee pii no hu nsi a yɛde yɛ asɛnka adwuma no a, wobesusuw sɛnea wɔyɛ wɔn de no ho. Sɛ wohu anigye a yɛwɔ ne sɛnea yɛn ani kũ afoforo ho no a, ɛbɛkae wɔn sɛnea ehia sɛ wɔda su a ɛte saa ara adi wɔ asɛnka mu. Bere a wɔhwɛ sɛnea yɛde Kyerɛwnsɛm no di dwuma yiye, yɛde nsi yɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua no, ɛbɛka wɔn ma wɔayɛ saa ara.
3. Akwan bɛn so na yɛn nhwɛso betumi akyerɛkyerɛ Bible asuafo, na dɛn na wobetumi asua?
3 Bere a Yɛreyɛ Bible Adesua: Yɛn Bible asuafo hwɛ yɛn abrabɔ titiriw. Sɛ nhwɛso no, ebia yɛbɛkyerɛ wɔn mfaso a ɛwɔ so sɛ wosiesie wɔn ho ma adesua no, wɔkenkan kyerɛw nsɛm a ɛwom no, na wɔsensan nsɛntitiriw no ase de, nanso sɛ yɛanyɛ yɛn de saa a, wobehu. (Rom. 2:21) Sɛ yedi yɛn bere so ne wɔn kɔyɛ adesua no a, wɔremma nneɛma afoforo ntwitware Bible adesua a yɛne wɔn yɛ no mu. Akyinnye biara nni ho nso sɛ wobehu ahofama su a yɛwɔ a yɛde yɛ asɛnka adwuma no ne yɛn gyidi a ɛyɛ den no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔn a wodi Yesu nhwɛso akyi pɛɛ no asuafo taa bɛyɛ nsi ne asɛmpakafo a wɔsow aba.
4. Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam a, dɛn na yɛnam yɛn nhwɛso so kyerɛkyerɛ?
4 Asafo Nhyiam a Yɛkɔ: Wɔn a wɔwɔ Kristofo asafo no mu nyinaa nam nhwɛso a wɔyɛ wɔ asafo nhyiam ase so kyerɛkyerɛ. Anigyefo a wofi ase ba nhyiam no nya nhwɛso pa a afoforo yɛ wɔ asafo no mu a wohu no so mfaso. Wohu ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho, biakoyɛ a ɛwɔ Kristofo ntam, ne yɛn ntadehyɛ ne ahosiesie a ɛfata no. (Dw. 133:1) Wohu nhwɛso a yɛyɛ wɔ asafo nhyiam a yɛkɔ daa ne yɛn gyidi a yɛda no adi bere a yɛwɔ hɔ no nso. Obi a ɔbaa yɛn nhyiam no biako huu sɛnea abeawa bi tumi buee kyerɛwsɛm bi ntɛm ne sɛnea odii akyi bere a wɔrekenkan no. Ne nhwɛso no kaa no ma ɔkae sɛ wɔne no mmɛyɛ Bible adesua.
5. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yebu nhwɛso a yɛyɛ no adewa?
5 Kyerɛwnsɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ yensuasua yɛn ho yɛn ho wɔ nhwɛso pa a yɛyɛ no mu. (Filip. 3:17; Heb. 13:7) Enti ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, sɛ yedi Yesu nhwɛso akyi pɛɛ a, afoforo behu na ebetumi anya wɔn so nkɛntɛnso pa. Eyi nti, momma yentie asɛm a ɛwɔ 1 Timoteo 4:16 yi: “Ma w’ani mmra wo ho ne wo nkyerɛkyerɛ so bere nyinaa.”