‘Momma Nkyene Mmra Mo Kasa Mu Bere Nyinaa’
1. Sɛ́ ‘yɛbɛma nkyene aba yɛn kasa mu’ no kyerɛ dɛn?
1 “Momma mo kasa ho mmra nyam bere nyinaa na nkyene mmra mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.” (Kol. 4:6) Sɛ́ yɛbɛma nkyene aba yɛn kasa mu no kyerɛ sɛ yɛbɛpaw nsɛm a ɛfata na yɛaka asɛm a ɛbɛyɛ nea ɔretie yɛn no dɛ. Saa a yɛbɛyɛ wɔ asɛnka mu no ho hia paa.
2. Ɛyɛɛ dɛn na Yesu tumi dii Samariani bea bi adanse?
2 Nea Yesu Yɛe: Bere a Yesu regye n’ahome wɔ abura bi ho no, ɔne Samariani bea bi a na ɔrebɛsaw nsu kasae. Bere a ɔne ɔbea no rebɔ nkɔmmɔ no, ɔbea no kaa nsɛm a ɛkyerɛ sɛ efi tete na ɔtan ada Yudafo ne Samariafo ntam. Ɔsan kyerɛe sɛ Samariafo gye di sɛ wɔyɛ Yakob asefo, nanso na Yudafo kura mu denneennen sɛ Samariafo no yɛ ananafo. Yesu annye no kyim wɔ nea ɔkae no ho, na mmom ɔkaa nsɛm a ɛbɛyɛ no dɛ. Ɛno maa Yesu tumi dii ɔbea no adanse ma ɛboaa ɔne mmarima a wɔwɔ kurow no mu.—Yoh. 4:7-15, 39.
3. Sɛ yɛwɔ asɛnka mu a, yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu?
3 Sɛ yɛreka asɛm no a, ɛsɛ yɛma nea enti a yɛyɛ saa no tra yɛn adwenem—sɛ́ yɛbɛka “nneɛma pa ho asɛmpa.” (Rom. 10:15) Yɛpɛ sɛ yɛka Bible mu asɛm a ɛka koma na ɛhyɛ nkuran kyerɛ ofiewura no, na mmom ɛnyɛ sɛ yɛbɛka asɛm ma ayɛ sɛ yɛrekasa atia ne gyidi. Sɛ ɔka biribi a ɛnteɛ a, ɛho nhia sɛ ntɛm ara yɛma ohu sɛ n’adwenkyerɛ no nteɛ. So ɔkaa biribi a yɛne no yɛ adwene anaa yebetumi agyina so akamfo no? Yebetumi adan adwene akɔ kyerɛwsɛm bi so na yɛabisa no sɛ, “So woasusuw asɛm yi ho pɛn?”
4. Sɛ ofiewura no didi yɛn atɛm a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
4 Sɛ ofiewura no didi yɛn atɛm anaa yehu sɛ ɔpɛ sɛ ogye yɛn akyinnye kɛkɛ nso ɛ? Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so da odwo adi wɔ yɛn nneyɛe ne yɛn kasa mu. (2 Tim. 2:24, 25) Sɛ onii no ani nnye Ahenni asɛm no ho a, ɛyɛ papa sɛ yɛfa anifere kwan so fi hɔ.—Mat. 7:6; 10:11-14.
5. Bere a onuawa bi fi obu mu kasae no, adepa bɛn na efii mu bae?
5 Adepa a Efi Mu Ba: Bere a onuawa bi bɔɔ mmɔden sɛ obedi ne fipamfo bi adanse no, ɔbea no bo fuwii na odidii no atɛm pɔtɔɔ. Yɛn nuabea no fi ayamye mu kae sɛ: “Mepa wo kyɛw, ɛnyɛ m’adwene ne sɛ mɛhyɛ wo abufuw. Merekɔ.” Nnawɔtwe abien akyi no, ɔbea no kɔbɔɔ onuawa no pon mu paa no kyɛw wɔ nea ɔyɛe no ho, na ɔkae sɛ ɔpɛ sɛ otie asɛm a onuawa no wɔ ka. Sɛ yefi obu mu kasa a, adepa taa fi mu ba!—Mmeb. 15:1; 25:15.
6. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛma yɛn kasa yɛ dɛ wɔ asɛnka mu?
6 Sɛ woreka asɛmpa no a, bɔ mmɔden sɛ wobɛma wo kasa ayɛ dɛ. Sɛ ofiewura no antie asɛm no mpo a, ebia bere foforo a Yehowa Adansefo bɛkɔ ne fie no, obetie wɔn.