Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/08 kr. 1
  • ‘Munni N’anammɔn Akyi Pɛɛ’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Munni N’anammɔn Akyi Pɛɛ’
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Eyi Nti Na Wɔsomaa Me”
    “Bra Bedi M’akyi”
  • Ɔsom Adwuma A Etu Mpɔn A Ɛde Asuafo Pii Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Woreyɛ Wo Som Adwuma No Pɛpɛɛpɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • “Bra Bedi M’akyi”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2008
km 8/08 kr. 1

‘Munni N’anammɔn Akyi Pɛɛ’

1. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ asomfo a wotu mpɔn?

1 Wɔankyerɛkyerɛ Yesu wɔ rabifo sukuu ahorow no mu, nanso na ɔne Ɔsomfo a ɔsen biara wɔ abakɔsɛm mu. Anigyesɛm ne sɛ wɔakyerɛw Yesu som adwuma no ho asɛm ato hɔ ama yɛn. Nea ɛbɛyɛ na yɛayɛ asomfo a wotu mpɔn no, ɛsɛ sɛ ‘yedi n’anammɔn akyi pɛɛ.’—1 Pet. 2:21.

2. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya ɔdɔ a Kristo wɔ no bi ama nkurɔfo?

2 Yi Ɔdɔ Adi Kyerɛ Nkurɔfo: Ɔdɔ mu a Yesu fi susuw nnipa ho no na ɛkanyan no. (Mar. 6:30-34) Nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu no mu pii ‘rehu amane’ na wohia nokware no paa. (Rom. 8:22) Sɛ yesusuw tebea a emu yɛ den a wɔwom no ne ɔdɔ mu a Yehowa fi dwen wɔn ho no ho a, ɛbɛkanyan yɛn ma yɛakɔ so aka asɛm no. (2 Pet. 3:9) Afei nso, sɛ nkurɔfo hu sɛ yedwen wɔn ho ampa a, wobetie yɛn asɛm no ntɛm ara.

3. Mmere bɛn mu na Yesu kaa asɛm kyerɛɛ afoforo?

3 Fa Hokwan Biara a Wunya Ka Asɛm No: Yesu de hokwan biara a onyae no kaa asɛmpa no kyerɛɛ afoforo. (Mat. 4:23; 9:9; Yoh. 4:7-10) Saa ara na yɛn nso, sɛ yɛreyɛ nnwuma a da biara yɛyɛ no a, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yebedi nokware no ho adanse akyerɛ afoforo. Ebinom de Bible ne nhoma ahorow hyɛ wɔn ho na ama wɔatumi adi adanse wɔ adwumam, sukuu mu, bere a wɔretu kwan, bere a wɔrekodi gua, ne mmere afoforo.

4. Yɛbɛyɛ dɛn ama Ahenni no ayɛ yɛn asɛnka mu asɛntitiriw?

4 Fa W’adwene Si Ahenni no So: Ná Ahenni no ho asɛmpa ne Yesu asɛnka no asɛmti. (Luka 4:43) Sɛ yɛreka asɛm no a, ebia yɛrentwe adwene nsi Ahenni no so ntɛm ara anaa yɛremmɔ din tẽẽ de, nanso ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem sɛ yɛbɛboa ofiewura no ma wahu sɛ ɛho hia. Sɛ yɛreka wiase no mu tebea bɔne a ɛkyerɛ sɛ yɛte nna a edi akyiri no mu ho asɛm mpo a, nea yɛka titiriw ne ‘nneɛma pa ho asɛmpa.’—Rom. 10:15.

5. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde Bible no yɛ na ama yɛn asɛnka atu mpɔn?

5 Fa Wo Ho To Onyankopɔn Asɛm So: Yesu de ne ho too Kyerɛwnsɛm no so wɔ ne som adwuma no nyinaa mu. Wammɔ ne tirim ankyerɛkyerɛ biribiara. (Yoh. 7:16, 18) Osuaa Onyankopɔn Asɛm na ɔde dii dwuma bere a Satan sɔɔ no hwɛe no. (Mat. 4:1-4) Ɛsɛ sɛ yɛkenkan Bible no da biara na yɛde bɔ yɛn bra, na ama yɛatumi akyerɛkyerɛ afoforo yiye. (Rom. 2:21) Sɛ yɛrebua nsɛmmisa wɔ asɛnka mu a, bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, ɛsɛ sɛ yɛde Kyerɛwnsɛm no si nea yɛka no so dua, na yɛkenkan asɛm no fi Bible no mu tẽẽ. Yɛpɛ sɛ ofiewura no hu sɛ nea yɛka no nyɛ yɛn ankasa nsusuwii na mmom egyina Onyankopɔn Asɛm so.

6. Dɛn na Yesu yɛ maa ne nsɛm kaa n’atiefo koma?

6 Ma Wo Nkyerɛkyerɛ Nka Koma: “Obiara nkasaa saa da.” (Yoh. 7:46) Saa asɛm no na awɛmfo no ka faa Yesu ho bere a asɔfo mpanyin ne Farisifo no bisaa nea enti a wɔantumi akyere no no. Ɛnyɛ nokwasɛm kɛkɛ na Yesu kae, na mmom ɔkyerɛkyerɛe ma ɛkaa wɔn a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no koma. (Luka 24:32) Ɔde asetra mu nsɛm ankasa yɛɛ mfatoho de boae ma wɔtee ne nsɛm ase. (Mat. 13:34) Yesu amfa nsɛm pii ampuapua n’atiefo. (Yoh. 16:12) Ɔtwee adwene sii Yehowa so na ɛnyɛ ɔno ankasa. Sɛnea Yesu yɛe no, yebetumi ayɛ akyerɛkyerɛfo pa denam ‘yɛn ani a yɛbɛma aba yɛn nkyerɛkyerɛ so no’ so.—1 Tim. 4:16.

7. Dɛn nti na Yesu ampa abaw wɔ asɛnka adwuma no mu?

7 Sɛ Wɔantie Asɛm no Anaa Wɔsɔre Tia Yɛn a, Ɛnsɛ sɛ Yɛpa Abaw: Ɛwom sɛ Yesu yɛɛ ahoɔdenne pii de, nanso nnipa pii antie no. (Luka 10:13) Yesu ankasa abusuafo mpo susuwii sɛ “n’adwene asɛe.” (Mar. 3:21) Nanso, Yesu ampa abaw. Ɔkɔɔ so nyaa adwempa efisɛ na ɔwɔ ahotoso koraa sɛ ɔwɔ nokware a ɛbɛma nkurɔfo ade wɔn ho. (Yoh. 8:32) Yehowa mmoa nti, yɛn nso yɛasi yɛn bo sɛ yɛrempa abaw.—2 Kor. 4:1.

8, 9. Yɛbɛyɛ dɛn de nneɛma abɔ afɔre de asuasua Yesu de aka asɛmpa no?

8 Fa Nneɛma Bɔ Afɔre na Woanya Mu Kyɛfa Kɛse: Asɛnka adwuma no nti, Yesu de honam fam nneɛma bɔɔ afɔre. (Mat. 8:20) Yesu yeree ne ho denneennen kaa asɛm no, na ɛtɔ da bi mpo a, na ɔyɛ saa kodu anwummere. (Mar. 6:35, 36) Ná Yesu nim sɛ ne bere a ɔde bɛyɛ adwuma no sua. Esiane sɛ “bere a aka no sua” nti, ɛho hia sɛ yɛn nso yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn ahode bɔ afɔre de suasua Yesu.—1 Kor. 7:29-31.

9 Ná afeha a edi kan no mu Kristofo no yɛ asomfo a wotu mpɔn efisɛ wosuasuaa Yesu. (Aso. 4:13) Sɛ yesuasua Ɔsomfo a ɔsen biara wɔ abakɔsɛm mu no a, yɛn nso yebetumi ayɛ yɛn som adwuma no pɛpɛɛpɛ.—2 Tim. 4:5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena