Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/08 kr. 1
  • Ka Asɛm no a Wunnyae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ka Asɛm no a Wunnyae
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Yɛka Papa Ho Asɛmpa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Ɛbɛyɛ Dɛn na Wɔbɛte?
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Yɛn Som Adwuma No a Yɛbɛkɔ So Ayɛ a Yennyae
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nea Enti a Yɛsan Kɔ Mpɛn Pii
    Yɛn Ahenni Som—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2008
km 6/08 kr. 1

Ka Asɛm no a Wunnyae

1 Ɛtɔ mmere bi a yɛbɛte nka sɛ yɛayɛ yɛn asasesin mu adwuma mpɛn pii, na yɛakasa akyerɛ obiara, nanso pii nkyerɛ ho anigye. Ne nyinaa akyi no, yɛwɔ nea enti a yɛkɔ so ka asɛm no.—Mat. 28:19, 20.

2 Ɛyɛ Adansedi: Yesu kae sɛ, Ahenni asɛnka adwuma no bɛyɛ “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” ho sɛnkyerɛnne titiriw, na wɔbɛka “de adi amanaman nyinaa adanse.” (Mat. 24:3, 14) Sɛ nkurɔfo hu sɛ yɛreka Ahenni no ho asɛmpa a, ɛyɛ adansedi kɛse ma wɔn. Sɛ yɛkɔ asasesin bi mu na sɛ nkurɔfo antie yɛn a, ebia bere a yɛafi hɔ no, wɔbɛka ba a yɛbaa hɔ no ho asɛm nnɔnhwerew pii anaa nna dodow bi. Sɛ yɛte nea enti a yɛkɔ asɛnka no ase a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so aka asɛm no. Sɛ yedi adanse na yɛbɔ nkurɔfo kɔkɔ wɔ ɔsɛe a ɛreba no ho ma Bible nkɔmhyɛ nya mmamu a, ɛma Yehowa ani gye.—2 Tes. 1:6-9.

3 Boasetɔ Ho Hia: Esiane sɛ, nneɛma pii sisi nnipa asetram na wonni wɔn ho adagyew nti, yehia boasetɔ na yɛatumi aboa wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye no. Adansefo bi kɔɔ ɔbea bi hɔ dapɛn biara bɛyɛ afe ansa na ɔbea no rema kwan ma wɔaka Bible mu asɛm akyerɛ no. N’ani gyee nea ɔtee no ho araa ma ɔpenee so ma wɔne no yɛɛ Bible adesua, ofii ase kɔɔ asafo nhyiam ahorow, na ankyɛ na ɔkae sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu.

4 Wiase nsɛm tebea resakra ntɛmntɛm, na saa ara nso na nnipa su resakra. Ebia nnipa pii a bere bi a atwam no wɔantie yɛn no betie anidaso asɛm a ɛyɛ anigye a yɛreka no seesei. Sɛ onipa baako pɛ mpo tie Ahenni asɛm no a, na yɛn berɛ nyɛɛ ɔkwa.

5 Wɔ wiase nyinaa no, nnipa dodow no ara na ‘wɔresi apini na wɔredi akyide a wɔyɛ wɔ mu no so nkɔmmɔ.’ (Hes. 9:4) Nea afi Ahenni asɛnka adwuma no mu aba ne sɛ wɔn a wɔwɔ koma pa no retie Ahenni asɛm no. (Yes. 2:2, 3) Enti mommma yennnyae, na mmom yɛnkɔ so mfa boasetɔ nka “papa ho asɛmpa” no.—Yes. 52:7; Aso. 5:42.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena