Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp20 nɔma 2 kr. 4-5
  • Adɛn Nti Na Yehia Onyankopɔn Ahenni?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adɛn Nti Na Yehia Onyankopɔn Ahenni?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ONIPA FII ASE DII NE YƆNKO NIPA SO
  • BERE ASO SƐ NNEƐMA SESA!
  • Onyankopɔn Ahenni—Asase So Nniso Foforo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Amanehunu Ho Kwan A Onyankopɔn Ama No Awiei Abɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Ada Adi Sɛ Yehowa Nniso Na Ɛfata!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Adɛn Nti Na Bɔne Wɔ Wiase Na Nnipa Rebrɛ Saa?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
wp20 nɔma 2 kr. 4-5
Adam ne Hawa rehwɛ nsu bi a ɛretene fi mmepɔw mu wɔ Eden turom.

Mfiase no, na asomdwoe ne baakoyɛ wɔ baabiara, efisɛ Onyankopɔn na na odi abɔde nyinaa so

Adɛn Nti Na Yehia Onyankopɔn Ahenni?

Mfiase no, bere a yɛn Bɔfo a ne din de Yehowa bɔɔ nnipa no, ɔno nko ara na na odi tumi. Sɛnea odii nnipa so no ma yehu sɛ na ɔdɔ wɔn paa. Ɔyɛɛ turo fɛfɛɛfɛ bi wɔ Eden; ɛno ne fie a ɔde maa nnipa sɛ wɔntena mu. Ɔsan maa aduan a wobedi buu wɔn so. Afei nso, ɔmaa wɔn adwuma a ɛbɛma wɔn koma atɔ wɔn yam. (Genesis 1:28, 29; 2:8, 15) Esiane sɛ Onyankopɔn di tumi ɔdɔ mu nti, sɛ nnipa kɔɔ so de wɔn ho hyɛɛ Onyankopɔn tumidi ase a, anka wobenya asomdwoe.

Adam kura aduaba a Onyankopɔn baraa wɔn sɛ mma wonni no; Hawa na ɔde maa no.

Nnipa a wodi kan no dan wɔn akyi kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ wɔn Sodifo

Bible ma yehu sɛ ɔbɔfo tuatewfo bi a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Satan Ɔbonsam kyerɛe sɛ Onyankopɔn nni hokwan sɛ odi nnipa so. Satan kyerɛe sɛ, sɛ nnipa yi Onyankopɔn si nkyɛn na wɔn ankasa di wɔn ho so a, wɔn ani begye paa. Awerɛhosɛm ne sɛ, yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa kodii Satan akyi, na wɔsɔre tiaa Onyankopɔn.—Genesis 3:1-6; Adiyisɛm 12:9.

Esiane sɛ Adam ne Hawa dan wɔn akyi kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ wɔn Sodifo nti, Paradise fie a na wɔte mu no fii wɔn nsa, na anidaso a na wɔwɔ sɛ wɔbɛtena ase daa a wɔrenyare da no nso bɔɔ wɔn. (Genesis 3:17-19) Akyiri yi, Adam ne Hawa woo mma, na gyinae a na wɔasi no, ɛkaa wɔn mma no nso. Bible ka sɛ, bɔne a Adam yɛe no nti na “bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae.” (Romafo 5:12) Bɔne asan akɔfa ɔhaw kɛse foforo abɛsoɛ yɛn so. Ɛne sɛ: ‘Onipa adi onipa so ma awie no bɔne.’ (Ɔsɛnkafo 8:9) Nea wei kyerɛ ne sɛ, sɛ onipa di ne yɔnko nipa so a, sɛnea ɛte biara, ɛde ɔhaw na ɛba.

ONIPA FII ASE DII NE YƆNKO NIPA SO

Nimrod gyina hɔ; wamoma ne mmati so. Wohwɛ n’akyi a, wuhu sɛ nnipa bi nso resi dan wɔ hɔ.

Nimrod sɔre tiaa Yehowa

Onipa a odi kan a Bible bɔɔ ne din sɛ odii nnipa so tumi ne Nimrod. Ɔsɔre tiaa Yehowa tumidi. Efi Nimrod bere so no, nnipa a wodi nkurɔfo so no de wɔn tumi asisi afoforo. Bɛyɛ mfe 3,000 a atwam ni, Ɔhene Solomon kyerɛwee sɛ: “Mihuu wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nusu, nanso wonni ɔwerɛkyekyefo biara; tumi wɔ nhyɛsofo no nsam.”—Ɔsɛnkafo 4:1.

Saa ara na ɛte nnɛ. Afe 2009 mu no, nhoma bi a Amanaman Nkabom no kyerɛwee kaa sɛ, nnipa pii abehu sɛ amammu bɔne “ka ho bi na ɔhaw ne abɛbrɛsɛ adɔɔso wɔ wiase.”

BERE ASO SƐ NNEƐMA SESA!

Yehia sodifo papa ne aban papa a ebedi yɛn so. Na ɛno ara na yɛn Bɔfo no ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma yɛn!

Mfoni ahorow a ɛkyerɛ ɔhaw a nnipa aban akɔfa aba. 1. Ɔbea bi a ofi Asia te abɔnten so baabi a okura ne ba. Ɛhɔ yɛ fĩ, na ne ba no resu. 2. Akwakoraa bi yare da mpa so wɔ ayaresabea. 3. Asraafo retotow atuo wɔ akono. 4. Nkurɔfo bi a wɔn bo afuw atew asi mmɔnten so reyɛ ɔyɛkyerɛ; wɔreteɛteɛm, na wokurakura nneɛma a wɔakyerɛkyerɛw so. 5. Ɔbea bi ne ne babea gyina wɔn fie anim; wɔahu sɛ ɔpon a wɔfa mu wura wɔn fie no, nkurɔfo apae ahwehwɛ a ɛwɔ anim no. 6. Wusiw ayɛ kurow bi mu kumɔnn, na anyinam nkanea nhama nso agye kurow no afa.

Nnipa aban a eye paa mpo ntumi nyii ɔhaw ahorow a ɛreteetee yɛn no mfii hɔ

Onyankopɔn ahyehyɛ Ahenni anaa aban bi a ɛbɛba abesi nnipa nniso nyinaa ananmu, na “ɛno de, ebegyina daa.” (Daniel 2:44) Saa Ahenni yi na nnipa ɔpepem pii abɔ ho mpae de abesi nnɛ. (Mateo 6:9, 10) Nanso, ɛnyɛ Onyankopɔn ankasa na obedi tumi wɔ saa aban no mu. Mmom, obi a watena asase so pɛn sɛ onipa na Onyankopɔn apaw sɛ onni Ahenni no so hene. Hena na Onyankopɔn apaw no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena