“Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
1. Dɛn nti na wɔkyerɛw “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu” nhoma no?
1 Yɛde anigye hwɛ kwan sɛ yebesua nhoma foforo a wɔato din “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu” no wɔ Asafo Bible Adesua ase wɔ February 23 dapɛn no mu! Sodikuw no de nsɛm a edi hɔ yi na ewiee krataa a ɛwɔ nhoma no mu a wɔkyerɛw maa obiara a ɔdɔ Yehowa no: “Nea yɛrehwɛ kwan ara ne sɛ nhoma yi bɛboa wo ma wode nokware no abɔ wo bra daa na ama wode wo ho asie ‘Onyankopɔn dɔ mu, bere a woretwɛn daa nkwa no.’—Yuda 21.”
2. Dɛn na nhoma foforo yi bɛboa yɛn ma yɛayɛ?
2 Nea Ɛsɛ sɛ Yɛhwɛ Kwan: Ɔkwan bɛn so na yɛde Bible nnyinasosɛm di dwuma wɔ yɛn fekubɔ, anigyede, obu ma tumidi, yɛn suban, yɛn aware, yɛn kasa, ne yɛn amammerɛ mu? Wɔbɛtete yɛn ahonim ma ɛne trenee gyinapɛn a ɛkorɔn a wɔaka ho asɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ahyia. (Dw. 19:7, 8) Sɛ nimdeɛ a yɛwɔ wɔ sɛnea Yehowa dwen nneɛma ho no yɛ kɛse a, ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ n’ani no bɛka yɛn ma yɛatie no wɔ biribiara a yɛyɛ mu.—Mmeb. 27:11; 1 Yoh. 5:3.
3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de siesie yɛn ho ma dapɛn biara adesua no?
3 Si Wo Bo sɛ Wobɛma Mmuae: Sɛ woresiesie wo ho a, fa yɛ wo botae sɛ wubeyi Onyankopɔn ayɛ wɔ n’asafo mu. (Heb. 13:15) Asafo mũ no nyinaa behyiam asua nhoma foforo yi. Esiane sɛ nhoma no fã kakraa bi na yebesua dapɛn biara nti, yebenya kwan asua no yiye na ama yɛatumi aka nea yɛasua no akyerɛ yɛn nuanom. Mmuae ntiantia a yɛasiesie no yiye a yɛbɛma no bɛtwetwe afoforo akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, ɛbɛma adesua no ayɛ anigye na ntease aba mu. (Heb. 10:24) Afei nso, bere a yɛn mu biara ka ne gyidi kyerɛ no, anigye a yɛwɔ no bɛyɛ kɛse.
4. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yedi Yehowa ahyɛde so?
4 Anadwo a etwa to wɔ Yesu asetena mu wɔ asase so sɛ onipa no, ɔkae sɛ ɛho hia sɛ yedi Yehowa ahyɛde so na ama yɛakɔ so atena Onyankopɔn dɔ mu. (Yoh. 15:10) “Onyankopɔn Dɔ” nhoma no bɛboa yɛn ma yɛatumi asi yɛn bo de Bible nnyinasosɛm abɔ yɛn bra da biara, na ama yɛakɔ so de ‘yɛn ho asie Onyankopɔn dɔ mu.’—Yuda 21.