Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/09 kr. 3
  • Yi Yehowa Ayɛ Da Biara Da

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yi Yehowa Ayɛ Da Biara Da
  • Yɛn Ahenni Som—2009
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔmantam Nhyiam De Nsato A Ɛka Koma To Gua!—Fa Anigye Yi Yehowa Ayɛ Da Biara!
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Kamfo Yehowa, Yɛn Nyankopɔn No!
    To Dwom Ma Yehowa
  • Kamfo Yɛn Nyankopɔn Yehowa!
    ‘Momfa Anigye Nto Dwom’ Mma Yehowa
  • Mmofra, Munyi Yehowa Ayɛ!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2009
km 7/09 kr. 3

Yi Yehowa Ayɛ Da Biara Da

1. Dɛn na wɔhyɛ Onyankopɔn asomfo nkuran sɛ wɔnyɛ, na dɛn ntia?

1 Ɔhene Dawid kaa sɛnea na wasi ne bo sɛ obeyi Yehowa ayɛ “daa nyinaa,” anaa daa daa no ho asɛm. (Dw. 145:2, 7, 21) Yɛn nso yɛwɔ biribi pa a ɛsɛ sɛ yegyina so yi Yehowa ayɛ da biara da.—Dw. 37:10; 145:14, 18; 2 Pet. 3:13.

2. Dɛn na mmusua betumi ayɛ de ayi Yehowa ayɛ da biara da?

2 Bere a Yɛwɔ Fie: Yɛwɔ nhoma ahorow a ɛboa yɛn ma yesusuw Bible no ne Onyankopɔn ho bere a yɛreyɛ daa asɛm, Abusua Som, ne bere a yɛresiesie yɛn ho ama asafo nhyiam ahorow. Mmusua pii de ayɛ wɔn su sɛ anyɛ yiye koraa no da biara wobehyiam pɛnkoro ato nsa adidi. Ɛma wɔtɔ wɔn bo ase bɔ nkɔmmɔ, na wonya hokwan yi Yehowa ayɛ. Sɛ awofo de hokwan yi ne wɔn mma bɔ nkɔmmɔ a, ebetumi aboa ma wɔatete wɔn mma wɔ “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.”—Efe. 6:4; Deut. 6:5-7.

3. Hokwan bɛn na yɛwɔ a yebetumi de ayi Yehowa ayɛ bere a yɛne yɛn nuanom ahyia no?

3 Bere a Yɛne Yɛn Nuanom Bɔ: Sɛ yɛkɔ asɛnka anaa asafo nhyiam ahorow a, yenya hokwan soronko ne yɛn mfɛfo gyidifo yi Yehowa ayɛ. (Mmeb. 15:30; Filip. 4:8; Heb. 13:15) Esiane sɛ yɛn nyinaa dɔ Yehowa nti, sɛ yehyia na yɛrebɔ nkɔmmɔ a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebefi yɛn koma mu akyerɛ Yehowa adɔe ho anisɔ.—Dw. 106:1.

4. Tebea horow bɛn mu na wubetumi ayi Yehowa ayɛ?

4 Bere a Yɛne Wɔn a Wɔnyɛ Gyidifo Kasa: Ɛwom sɛ ebia yɛn tebea remma yentumi nyɛ asɛnka adwuma no daa de, nanso sɛ yɛne yɛn mfɛfo adwumayɛfo, sukuufo, ne yɛn afipamfo bɔ Yehowa ne n’atirimpɔw ahorow ho nkɔmmɔ tiawa mpo a, ebetumi ama nnipa a wɔwɔ koma pa no anya anidaso. (Dw. 27:14; 1 Pet. 3:15) Bere a onuawa bi te wimhyɛn mu retu kwan no, otumi dii ɔbea bi adanse. Asɛm a onuawa no ka kyerɛɛ ɔbea no kyekyee ne werɛ na ɛhyɛɛ no nkuran araa ma ɔde ne telefon nɔma maa onuawa no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi atoa nkɔmmɔbɔ no so. Bere a wiase yi mu haw redɔɔso na emu tebea resɛe no, Yehowa nkurɔfo kɔ so ka “adepa ho asɛmpa” kyerɛ wɔn a wobetie nyinaa. Eyi ma afoforo nya anidaso na ɛma woyi Yehowa ayɛ.—Yes. 52:7; Rom. 15:11.

5. Dɛn nti na yɛn ani gye ho sɛ yebeyi Yehowa ayɛ, na sɛ yɛyɛ saa a, mfaso bɛn na ebefi mu aba?

5 Sɛ Yehowa asomfo yi no ayɛ da biara da a, hwɛ sɛnea ɛma n’ani gye! Sɛnea Yehowa abɔde a atwa yɛn ho ahyia yi no ayɛ no, yɛn nso yebetumi ayi no ayɛ da biara da wɔ yɛn afie mu, asafo no mu, ne bere a yɛne nnipa a wonnya mmɛkaa wɔn a woyi Yehowa ayɛ ho no rekasa no.—Dw. 19:1-4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena