Wubebua Dɛn?
1. Sɛ nkurɔfo bisa yɛn nsɛm a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesuasua Yesu nhwɛso?
1 Ɔkwan a etu mpɔn a Yesu faa so buaa nkurɔfo nsɛmmisa no da so ara yɛ nnipa pii nwonwa. Sɛ nkurɔfo bisa yɛn nsɛm wɔ asɛnka mu a, ɛbɛyɛ papa sɛ yesuasua Yesu nhwɛso no.—1 Pet. 2:21.
2. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛabua nsɛm yiye?
2 Di Kan Tie: Sɛ obi bisa Yesu asɛm a, na odi kan susuw adwene a onii no kura no ho. Yɛn nso ɛtɔ mmere bi na sɛ obi bisa yɛn asɛm a, ɛho behia sɛ yebisa onii no asɛm bi de hu n’adwene. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi bisa sɛ, “Wugye Yesu di?” a, ebia na ɔpɛ sɛ ohu nea enti a wunni Buronya. Sɛ wuhu nea enti a onipa no bisaa asɛm a ɛte saa a, wubetumi ne no asusuw nsɛm ho yiye.—Luka 10:25-37.
3. Nneɛma bɛn na yɛwɔ a ebetumi aboa yɛn ma yɛanya mmuae a ɛfata a egyina Kyerɛwnsɛm so?
3 Fa Onyankopɔn Asɛm Bua: Mpɛn pii no, eye paa sɛ wobɛkyerɛ nea Bible no ka wɔ asɛmmisa no ho. (2 Tim. 3:16, 17; Heb. 4:12) Reasoning nhoma no ne “Bible Mu Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ” a ɛwɔ Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no mu no aboa nnipa pii ma wɔatumi de mmuae a ɛfata ama. Sɛ nea obisa asɛm no nnye Bible no ntom mpo a, wubetumi afa anifere kwan so akyerɛkyerɛ no nea Kyerɛwnsɛm no ka mu. Hyɛ onipa no nkuran ma onsusuw nyansasɛm a entwam da a ɛwɔ Bible mu no ho anibere so. Sɛ wusuasua Yesu a, wo mmuae bɛyɛ “te sɛ sika aduaba a egu dwetɛ anwenne mu”—ebedi mu, ɛbɛtɔ asom, na ɛso bɛba mfaso.—Mmeb. 25:11.
4. Mmere bɛn na ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛhaw yɛn ho abua afoforo nsɛmmisa nyinaa?
4 So Ɛsɛ sɛ Yebua Asɛmmisa Biara? Sɛ wunnim asɛm bi ho mmuae a, mma w’ani nwu sɛ wobɛka sɛ: “Minnim, na mmom mɛkɔ akɔyɛ w’asɛmmisa no ho nhwehwɛmu na mede ho mmuae abrɛ wo.” Sɛ ofiewura no hu sɛ wunnye wo ho nni dodo na wudwen ne ho a, ebia n’ani begye ho sɛ ɔbɛsan ama woakɔ ne nkyɛn. Sɛ wuhu sɛ asɛmmisa no fi asɔretiafo a ebia wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔne wo begye akyinnye hɔ a, yɛ woade te sɛ Yesu, na nkasa pii. (Luka 20:1-8) Saa ara na sɛ obi a ɔmpɛ nokware no bɔ mmɔden sɛ ɔne wo bedi anobaabae a, fi obu mu twa nkɔmmɔ no so na fa bere a wowɔ no kɔhwehwɛ nnipa komapafo.—Mat. 7:6.
5. Sɛnea wɔma asɛmmisa ho mmuae ho nhwɛso bɛn na Yesu yɛe?
5 Ná Yesu nim sɛ ehia sɛ ɔde ne ho to Yehowa so na ama watumi ayɛ n’adwuma a ɛne sɛ ‘obedi nokware no ho adanse,’ a nea ɛka ho ne sɛ obebua nsɛm a nnipa komapafo bisa no no. (Yoh. 18:37) Hwɛ hokwan ara a yɛanya sɛ yebesuasua Yesu na yɛabua nnipa a “wɔpɛ daa nkwa” no nsɛmmisa!—Aso. 13:48.