Asɛmmisa Afã
◼ So ɛyɛ papa sɛ Yehowa Adansefo bɛkyere ɔkasa bi agu afiri so anaa wɔbɛkyerɛw na wɔakyekyɛ ama afoforo?
Bible mu ɔkasa ahorow hyɛ yɛn nkuran na ɛhyɛ yɛn den. (Aso. 15:32) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ obi bɛpɛ sɛ ɔka ɔkasa bi a wɔmae mu asɛm de hyɛ ne nua bi a na onni hɔ no nkuran. Esiane sɛ mfiri ahorow a wɔde kyere kasa abu so nnɛ nti, obi betumi akyere ɔkasa bi akyekyɛ ama afoforo a ɔremmrɛ ho koraa. Ebinom de ɔkasa ahorow a wɔakyere agu afiri so asie, a ɔkasa ahorow a wɔmae mfe pii ni ka ho, na wɔde fɛm wɔn nnamfo anaa wɔyɛ bi ma wɔn, a adwemmɔne biara nni akyi. Afoforo nso de bi agu mmeae bi wɔ Intanɛt so a obiara betumi akɔtwe bi.
Mfomso biara nni ho sɛ obi bɛkyere ɔkasa bi abɔ atie anaa ɔde bɛma ne busuani. Afei nso, mpanyimfo betumi ayɛ nhyehyɛe ma wɔakyere ɔkasa ama asafo no muni bi a ɔyare nti, ontumi mma adesua. Nanso atirimpɔw bi nti, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ kyekyɛ ma afoforo.
Esiane sɛ wɔtaa ma ɔkasa de di asafo mu ahiade ho dwuma nti, sɛ yɛkyere ɔkasa bi gu afiri so kyekyɛ ma afoforo a, wobetumi ate asɛm no ase ɔkwan foforo so, efisɛ wonnim atirimpɔw nti a wɔmaa saa ɔkasa no. Bio nso, ɛbɛyɛ den sɛ yebehu nea ɔmaa ɔkasa no ne bere a ɔmae, na ama yɛanya awerɛhyem sɛ nsɛm a ɔkae no yɛ ne bere mu de na mfomso biara nni ho. (Luka 1:1-4) Afei nso, ɔkasa a wɔakyere agu afiri so anaa wɔakyerɛw a yɛde bɛma afoforo no betumi ama ebinom agye anuonyam a ɛmfata anaa wɔde anuonyam hunu ama afoforo.—1 Kor. 3:5-7.
Akoa nokwafo ne ɔbadwemma no yɛ adwumaden ma yɛn honhom fam aduan wɔ “bere a ɛsɛ mu.” (Luka 12:42) Eyinom bi ne ɔkasa a wɔma wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu ne ɔkasa a wɔakyere agu afiri so a wobetumi atwe afi Intanɛt so wɔ jw.org. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ne ne Sodikuw no bɛma yɛn nea yehia, na ama yɛayɛ den wɔ gyidi mu.—Aso. 16:4, 5.