Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/10 kr. 2
  • Ɛsɛ sɛ Kristofo Bɔ Mpae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛsɛ sɛ Kristofo Bɔ Mpae
  • Yɛn Ahenni Som—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mommɔ Mpae Mma Mo Ho Mo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Mpaebɔ Yɛ Hokwan Kɛse
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Onyankopɔn a Wobɛbɛn No Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
  • Sɛnea Mpaebɔ Betumi Ama Woabɛn Onyankopɔn
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2010
km 5/10 kr. 2

Ɛsɛ sɛ Kristofo Bɔ Mpae

1. Dɛn na ehia na yɛatumi ayɛ yɛn som adwuma no?

1 Yɛrentumi mfa yɛn ankasa ahoɔden nyɛ asɛnka adwuma no. Yehowa na ɔma yɛn ahoɔden de yɛ adwuma no. (Filip. 4:13) Ɔnam n’abɔfo so boa yɛn ma yɛhwehwɛ nnipa a wɔte sɛ nguan no. (Adi. 14:6, 7) Yehowa na ɔma nokware no aba a yedua na yegugu so no nyin. (1 Kor. 3:6, 9) Sɛ́ Kristofo no, hwɛ hia a ehia sɛ yɛde yɛn ho to yɛn soro Agya no so wɔ mpaebɔ mu!

2. Nneɛma bɛn na yebetumi abɔ ho mpae?

2 Ma Yɛn Ho: Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae bere biara wɔ asɛnka mu. (Efe. 6:18) Nneɛma bɛn na yebetumi abɔ ho mpae? Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae de srɛ sɛ yennya nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu no ho adwempa ne akokoduru. (Aso. 4:29) Yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔnkyerɛ yɛn kwan nkɔ nnipa komapafo a yebetumi ne wɔn asua Bible nkyɛn. Sɛ ofiewura no bisa asɛm a, yebetumi abɔ mpae tiawa wɔ yɛn tirim asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛmma no mmuae a ɛfata. (Neh. 2:4) Yebetumi nso asrɛ nyansa na ama yɛde asɛnka adwuma no adi kan wɔ yɛn asetena mu. (Yak. 1:5) Afei nso, sɛ yɛda Yehowa ase wɔ hokwan a yɛanya sɛ n’asomfo no ho a, ɛsɔ n’ani.—Kol. 3:15.

3. Ɔkwan bɛn so na mpae a yɛbɛbɔ ama afoforo no bɛma asɛnka adwuma no anya nkɔso?

3 Ma Afoforo: Ɛsɛ sɛ ‘yɛbɔ mpae ma yɛn ho yɛn ho’ nso, na sɛ ɛbɛyɛ yiye mpo a, yɛbɔ yɛn mfɛfo asomfo din wɔ mpaebɔ no mu. (Yak. 5:16; Aso. 12:5) So ɔyare bi nti wuntumi nyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu? Ɛnde, bɔ mpae ma wo mfɛfo asomfo a wɔwɔ apɔwmuden no. Mmu nea wo mpaebɔ betumi ayɛ ama afoforo no adewa! Ɛbɛyɛ papa nso sɛ yɛbɛbɔ mpae ama atumfoɔ no ma wɔanya asɛnka adwuma no ho adwempa, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nuanom betumi de ‘asomdwoe ne kommyɛ abɔ wɔn bra.’—1 Tim. 2:1, 2.

4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yekura mpaebɔ mu denneennen?

4 Asɛmpa no a yɛbɛka wɔ wiase nyinaa no yɛ adwuma kɛse. Sɛ ‘yekura mpaebɔ mu denneennen’ a, Yehowa betumi aboa yɛn ma yɛawie yɛn adwuma no.—Rom. 12:12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena