Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/10 kr. 5-6
  • So Wubetumi Aboa Ɔhokafo a Ɔnyɛ Gyidini?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubetumi Aboa Ɔhokafo a Ɔnyɛ Gyidini?
  • Yɛn Ahenni Som—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kristofo a Wɔn Abusuafo Nyɛ Adansefo Ani Betumi Agye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nokware no, ‘Ɛmfa Asomdwoe Mma, na Mmom Nkrante’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Mommɔ Mmɔden Nni Mmarima Adanse
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2010
km 11/10 kr. 5-6

So Wubetumi Aboa Ɔhokafo a Ɔnyɛ Gyidini?

1. Dɛn nti na yɛn nyinaa ani gye ho sɛ yɛbɛboa Kristofo ahokafo a wɔnyɛ gyidifo no ma wɔabehu nokware no?

1 So adawurubɔfo bi wɔ w’asafo mu a wɔn ahokafo nyɛ adansefo? Sɛ saa na ɛte a, akyinnye biara nni ho sɛ adawurubɔfo yi pɛ sɛ wɔn ahokafo bɛka wɔn ho wɔ nokware som mu. Nanso ɛnyɛ wɔn nkutoo na wɔte nka saa. Asafo mũ no nyinaa nso te nka te sɛ Onyankopɔn a ɔpɛ sɛ “ogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ” no. (1 Tim. 2:4) Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa Kristofo ahokafo a wɔnyɛ gyidifo no?

2. Sɛ yɛwɔ nhumu a, ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so aboa ahokafo a wɔnyɛ gyidifo no?

2 Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yehu ahokafo a wonnye nni no adwene wɔ nneɛma ho. Ahokafo pii a wɔnyɛ gyidifo no dɔ wɔn mmusua na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ ahokafo ne awofo pa. Ebia wɔn nso wɔ wɔn gyidi a ɛyɛ soronko wɔ yɛn de ho. Ebetumi aba sɛ wonnim Yehowa Adansefo ho nsɛm pii gye nea wɔn a wonnim yɛn anaa wɔn a wokura yɛn ho adwemmɔne aka akyerɛ wɔn no nkutoo. Ebinom ani nnye ho sɛ bere a anka wɔn ahokafo nya ma abusua no, seesei wɔde yɛ wɔn som mu nnwuma. Nhumu bɛboa yɛn ma yɛne ahokafo a wɔnyɛ gyidifo no adi wɔ ayamye ne obu so, na ɛremma yɛntwetwe yɛn ho bere a wɔwɔ yɛn ntam no.—Mmeb. 16:20-23.

3. Dɛn ne ɔkwan a eye sen biara a yebetumi afa so anya ahokafo a wonnye nni no?

3 Kyerɛ Wɔn Ho Anigye: Ebia mfiase no, ɔkwan a eye sen biara a yebetumi afa so aboa ahokafo a wɔnyɛ gyidifo ma wɔn ani abegye nokware no ho ne yɛn nneyɛe, na mmom ɛnyɛ Bible mu nkɔmmɔbɔ. (1 Pet. 3:1, 2) Sɛ yebetumi ayɛ eyi a, nea ehia paa ne sɛ yɛbɛkyerɛ wɔn ho anigye. Anuanom mmea a wɔwɔ asafo no mu betumi akyerɛ ɔyerenom a wɔnyɛ gyidifo no ho anigye, na saa ara na anuanom mmarima nso betumi akyerɛ okununom a wɔnyɛ gyidifo no ho anigye. Ɔkwan bɛn so?

4. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ ɔhokafo bi a onnye nni ho anigye?

4 Sɛ wunnim Kristoni bi hokafo na wopɛ sɛ wo ne no hyia a, wubetumi ne nea ɔyɛ gyidini no asusuw ho. Mfiase no, sɛ ɔhokafo a ɔnyɛ gyidini no antew n’anim ankyerɛ wo a, mma ɛnhaw wo. Adamfofa su ne ne ho anigye a wobɛkyerɛ no betumi aka no ma wanya Yehowa Adansefo ho adwempa. (Rom. 12:20) Kristofo binom a wɔn ho akokwaw no ato nsa afrɛ ɔhokafo bi a onnye nni ne n’abusua ma wɔne wɔn abedidi sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu wɔn ho yiye, na sɛ ebia ɔwɔ yɛn ho adwene a ɛnteɛ a, wayi afi hɔ. Wɔbɔ nneɛma a n’ani gye ho no ho nkɔmmɔ sen sɛ wɔde honhom fam nneɛma bepuapua no. Akyiri yi, sɛ ɔhokafo a ɔnyɛ gyidini no anim kokwaw wɔn anim a, wotumi ne no bɔ Bible mu nkɔmmɔ. Anaa esiane sɛ onim asafo no mufo binom dedaw nti, ebia sɛ wɔto nsa frɛ no sɛ ɔmmra yɛn nhyiam mmetie nneɛma a ne yere resua no bi a ɔbɛba. Sɛ ɔnyɛɛ krado sɛ obesua nokware no mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkamfo no wɔ sɛnea ɔboa ne hokafo a ɔyɛ gyidini no ho.

5. Dɛn na mpanyimfo betumi ayɛ de aboa ɔhokafo bi a onnye nni?

5 Asafo mu mpanyimfo titiriw na ɛsɛ sɛ wɔbɛn ahokafo a wɔnyɛ gyidifo no na wɔde hokwan biara di wɔn adanse. Sɛ ɔhokafo bi a onnye nni mpɛ sɛ yɛne no bɔ Bible mu nkɔmmɔ a, ebia ɔbɛpene ma yɛde Kyerɛwnsɛm no ahyɛ no nkuran bere a wɔagye no ato ayaresabea anaa yare bi a emu yɛ den abɔ no no. Sɛ abusua a ɛsono emufo gyidi hyia nsɛnnennen—ebia abusua no muni bi fi mu—a, mpanyimfo no betumi ama ɔhokafo a onnye nni no abɛka abusua no ho bere a wɔrekyekye wɔn werɛ no.

6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛboa ahokafo a wonnye nni no?

6 Hwɛ sɛnea Kristoni bi a ɔwɔ yɛn asafo mu ani begye afa bere a ne hokafo tie asɛm no na obegye nokware no! Anigyesɛm a ɛte saa no bɛma Yehowa, abɔfo no, ne asafo no mufo a wɔaka no nso ani agye. (Luka 15:7, 10) Nanso mfiase no, sɛ ɔhokafo a onnye nni no antie asɛm no a, yebetumi ama yɛn ani agye efisɛ yenim sɛ Yehowa a “ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe, na mmom ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra” no ani sɔ yɛn mmɔdenbɔ no.—2 Pet. 3:9.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

Ebia mfiase no, ɔkwan a eye sen biara a yebetumi afa so aboa ahokafo a wɔnyɛ gyidifo ma wɔn ani abegye nokware no ho ne yɛn nneyɛe, na mmom ɛnyɛ Bible mu nkɔmmɔbɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena