Mpaebɔ a Wɔde Susuw Nsɛm Ho—Ɛho Hia Asɛmpakafo a Wɔyɛ Nsi
1. Dɛn na ɛboaa Yesu ma ɔde n’adwene nyinaa sii n’adwuma titiriw no so?
1 Ná Yesu asa ayarefo yare asan atu adaemone saa anwummere no. Ade kyee a n’asuafo no huu no no, wɔkae sɛ: “Obiara rehwehwɛ wo,” na wɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔnkɔ so nyɛ anwonwade. Nanso Yesu amma biribiara antwetwe n’adwene amfi n’adwuma titiriw a ɛne sɛ ɔbɛka asɛmpa no ho. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma yɛnkɔ baabi foforo, nkurow a ɛbemmɛn ha no mu na menkɔka asɛm no wɔ hɔ nso, efisɛ eyi nti na mebae.” Dɛn na ɛboaa Yesu ma ɔde n’ani sii nea na ɛsɛ sɛ ɔyɛ no so? Ɔsɔree ntɛm kɔbɔɔ mpae dwennwenee nsɛm ho. (Mar. 1:32-39) Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ a wɔde susuw nsɛm ho betumi aboa yɛn ma yɛayɛ asɛmpakafo a wɔyɛ nsi?
2. Dɛn na yebetumi adwinnwen ho na aboa yɛn ma yɛde nsi aka asɛm no?
2 Dɛn na Yebetumi Adwinnwen Ho? Yesu hui sɛ ná nnipa no ayɛ sɛ “nguan a wonni hwɛfo a wɔapirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ.” (Mat. 9:36) Saa ara na yɛn nso yebetumi adwinnwen sɛnea nkurɔfo hia asɛmpa no ho. Yebetumi asusuw sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ wɔ yɛn bere yi so ho. (1 Kor. 7:29) Yebetumi adwinnwen eyinom ho: Yehowa nnwuma ne ne su ahorow, hokwan a yɛanya sɛ Yehowa Adansefo, ne honhom fam ademude a yɛasua afi Onyankopɔn Asɛm mu a nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu nnya mmehui no.—Dw. 77:11-13; Yes. 43:10-12; Mat. 13:52.
3. Bere bɛn na yebetumi adwinnwen nsɛm ho?
3 Bere Bɛn na Yebetumi Adwinnwen Nsɛm Ho? Sɛnea Yesu yɛe no, ebinom sɔre ntɛm bere a baabiara ayɛ dinn no. Afoforo nso dwinnwen nsɛm ho anwummere ansa na wɔada. (Gen. 24:63) Sɛ yenni adagyew mpo a, yebetumi anya bere asusuw nneɛma ho. Ebinom yɛ saa bere a wɔte kar mu. Afoforo nso de awia ahomegye bere dwinnwen nsɛm ho. Anuanom pii ahu sɛ sɛ wɔde bere tiaa bi mpo susuw nsɛm ho ansa na wɔakɔ asɛnka a, ɛboa ma wotumi de nsi ne akokoduru ka asɛm no.
4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedwinnwen nsɛm ho?
4 Mpaebɔ a wɔde susuw nsɛm ho bɛma ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛsom Yehowa no ayɛ kɛse, ɛbɛma yɛde yɛn ani asi yɛn som so, na ahyɛ yɛn den ma yɛakɔ so aka asɛm no. Onyankopɔn Somfo Panyin, Yesu, nyaa nsɛm a wodwinnwen ho so mfaso, na yɛn nso yebetumi anya so mfaso.