Ɛsɛ sɛ Yɛda Boasetɔ Adi wɔ Asɛnka Mu
1. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ada ne boasetɔ adi wɔ adesamma ho?
1 Onyankopɔn wɔ adesamma ho abotare. (Ex. 34:6; Dw. 106:41-45; 2 Pet. 3:9) Yehu ne boasetɔ ho nhwɛso a ɛsen biara wɔ Ahenni asɛnka adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa no mu. Yehowa atɔ ne bo ase ama adesamma bɛyɛ mfe 2,000 ni, na ɔda so ara twe nnipa komapafo ba ne nkyɛn. (Yoh. 6:44) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa boasetɔ no wɔ asɛnka mu?
2. Yɛbɛyɛ dɛn ada boasetɔ adi bere a yɛreyɛ yɛn asasesin mu adwuma no?
2 Afie Afie Asɛnka: Yesuasua Yehowa boasetɔ no bere a yɛka asɛm no a ‘yennyae’ wɔ asasesin a nkurɔfo nnya nkyerɛɛ asɛm no ho anigye mu no. (Aso. 5:42) Yɛde boasetɔ gyina anibiannaso, fɛwdi ne ɔsɔretia ano wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu. (Mar. 13:12, 13) Bio nso yɛda boasetɔ adi denam mmɔden a yɛbɔ de gugu nokware aba no so nsu ɛmfa ho sɛ ɛyɛ den sɛ yebenya wɔn a wɔn ani gye asɛm no ho wɔ wɔn afie mu no.
3. Dɛn nti na boasetɔ ho hia bere a yɛreyɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua no?
3 Bible Adesua: Afifide benyin a, egye boasetɔ. Yebetumi atɛw afifide no nanso yɛrentumi nhyɛ mma ennyin. (Yak. 5:7) Saa ara na honhom fam onyin nso ba nkakrankakra. (Mar. 4:28) Ebetumi ayɛ den ama wɔn a yɛne wɔn sua ade no sɛ wɔbɛpo atoro nkyerɛkyerɛ anaa amammerɛ a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia. Ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn asuafo ma wɔyɛ nsakrae de kyerɛ sɛ wɔanyin wɔ honhom fam. Boasetɔ ho hia na yɛatumi ama osuani bi bere a ɛfata ma Onyankopɔn honhom ayɛ adwuma wɔ ne koma mu.—1 Kor. 3:6, 7.
4. Ɔkwan bɛn so na boasetɔ betumi aboa yɛn ma yɛadi yɛn abusuafo a wɔnyɛ gyidifo no adanse?
4 Abusuafo a Wɔnyɛ Gyidifo: Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn ani gye ho paa sɛ yɛn abusuafo a wɔnyɛ gyidifo no behu nokware no. Nanso ɛsɛ sɛ yenya wɔn ho abotare na yɛka yɛn gyidi ho asɛm kyerɛ wɔn wɔ bere a ɛfata mu, na bere koro no ara yɛyɛ ahwɛyiye sɛ yɛremfa nsɛm mpuapua wɔn. (Ɔsɛnk. 3:1, 7) Enkosi sɛ wobetie no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nneyɛe di wɔn adanse na yɛyɛ krado sɛ yɛbɛka yɛn gyidi ho asɛm akyerɛ wɔn wɔ odwo ne obu mu. (1 Pet. 3:1, 15) Nokwarem no, sɛ yɛde boasetɔ yɛ asɛnka adwuma no a ɛbɛma atu mpɔn na yɛn soro Agya no nso ani agye.