Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/11 kr. 1
  • ‘Momma Onyankopɔn Din Ho Ntew’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Momma Onyankopɔn Din Ho Ntew’
  • Yɛn Ahenni Som—2011
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Maa Ne Din So
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Onyankopɔn Din a Yɛbɛma Wɔahu
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Hyɛ Yehowa Din Kɛse no Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2011
km 8/11 kr. 1

‘Momma Onyankopɔn Din Ho Ntew’

1. Dɛn ne ɔmansin nhyiam dwumadi a yɛbɛyɛ wɔ afe 2012 ɔsom afe mu no asɛmti, na egyina dɛn so?

1 Hwɛ hokwan ara a yɛanya sɛ Yehowa, Amansan Hene no, din da yɛn so! Onyankopɔn ankasa na ɔde ne din ato yɛn so, na ne titiriw no, efi afe 1931 no, wɔde Yehowa din a ɛda nsow no ato yɛn so sɛ Yehowa Adansefo. (Yes. 43:10) Ná Yesu, Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no, bu Onyankopɔn din sɛ ɛsom bo sen biribiara, na ɔde dii kan wɔ ne mpaebɔ a ɔde yɛɛ nhwɛso no mu. (Mat. 6:9) Ɔmansin nhyiam dwumadi a yɛbɛyɛ wɔ afe 2012 ɔsom afe mu no asɛmti gyina Yesu nsɛm no so. Asɛmti no ne “Momma Onyankopɔn Din Ho Ntew.”

2. Nsɛm bɛn na yɛrehwɛ kwan sɛ yɛbɛte?

2 Nea Yɛbɛte Wɔ Hɔ: Ɔkasa a wɔbɛma no Memeneda a n’asɛmti ne “Sɛ́ Bere Nyinaa Asomfo no, Momma Afoforo Nhu Onyankopɔn Din” no bɛkyerɛkyerɛ nea enti a mfaso wɔ so sɛ obi de n’asetena bɛyɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Yɛbɛsan atie ɔkasa a wɔakyekyem a n’asɛmti ne “Hwɛ Yiye na Woammɔ Yehowa Din Ahohora,” na ɛbɛboa yɛn ma yɛakwati nneɛma anan a ebetumi asum yɛn afiri. Ɔkasa a n’asɛmti ne “Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛtew Onyankopɔn Din Ho” bebua nsɛmmisa a edidi so yi: Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛde nsi aka asɛm no akyerɛ nnipa a wɔnkyerɛ asɛm no ho anigye kɛse? ne Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛama asɛnka adwuma no atu mpɔn? Kwasida nso yebetie ɔkasa a wɔakyekyɛm anan a ɛfa ɔkwan a yɛbɛfa so de yɛn nsusuwii, yɛn kasa, yɛn gyinaesi, ne yɛn abrabɔ atew Onyankopɔn din ho. Anigyefo a wɔbɛba bi no ani begye paa sɛ wɔbɛte baguam ɔkasa a n’asɛmti ne “Yehowa Bɛtew Ne Din Kɛse no Ho Wɔ Harmagedon.”

3. Hokwan bɛn na yɛwɔ, na ɔkwan bɛn so na nhyiam dwumadi no bɛboa yɛn?

3 Ɛrenkyɛ, Yehowa bɛyɛ biribi de atew ne din ho. (Hes. 36:23) Saa bere yi de, yɛwɔ hokwan a ɛso bi nni a yɛde bɛtew biribiara a ɛfa Yehowa din kronkron ho no ho. Yɛwɔ ahotoso sɛ ɔmansin nhyiam dwumadi yi bɛboa yɛn mu biara ma wakɔ so adi asɛyɛde kɛse a yɛwɔ sɛ nnipa a Onyankopɔn din da yɛn so no ho dwuma yiye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena