Asɛmmisa Afã
◼ So ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae bere a yɛreyɛ Bible adesua wɔ ɔpon ano no?
Mfaso pii wɔ Bible adesua a wɔde mpaebɔ fi ase na wɔde wie no so. Yɛnam mpaebɔ so srɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne honhom kronkron no mmoa yɛn adesua no. (Luka 11:13) Mpae a yɛbɔ no nso ma osuani no hu sɛ Bible adesua no yɛ aniberesɛm na ɛma ohu sɛnea wɔbɔ mpae. (Luka 6:40) Enti, ne yiye mu no, sɛ mufi adesua no ase a, ka mpaebɔ ho asɛm kyerɛ no ntɛm. Nanso, esiane sɛ ɛsono obiara ne ne tebea nti, ɛsɛ sɛ nea ɔreyɛ adesua no de nhumu di dwuma na ama wahu sɛ ɔbɛbɔ mpae bere a ɔreyɛ Bible adesua wɔ ɔpon ano no anaa.
Ade biako a ɛho hia sɛ yesusuw ho ne baabi a yɛreyɛ adesua no. Sɛ ɛyɛ beae a nnipa pii nni hɔ a, yebetumi de anifere abɔ mpae tiawa de afi Bible adesua a yɛyɛ no daa no ase na yɛde mpaebɔ nso awie. Nanso, sɛ saa a yɛbɛyɛ no bɛtwetwe afoforo adwene anaa ɛbɛhaw osuani no a, ɛnde ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛtwɛn akosi sɛ mubenya beae a ɛfata na mode mpaebɔ aka mo adesua no ho. Ɛmfa ho beae a yɛbɛyɛ adesua no, ɛsɛ sɛ yɛde atɛmpa di dwuma na yɛatumi ahu bere a ɛfata sɛ yɛde mpaebɔ fi Bible adesua ase.—Hwɛ March 2005 Yɛn Ahenni Som, kratafa 8.