Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/11 kr. 3
  • Su a Ɛho Hia Paa sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Pa Nya

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Su a Ɛho Hia Paa sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Pa Nya
  • Yɛn Ahenni Som—2011
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Munsuasua Yesu—Monkyerɛkyerɛ Wɔ Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Ɔdɔ—Ɛyɛ Suban Pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Momma Ɔdɔ Nhyɛ Yɛn Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nya Ɔdɔ A Ɛto Ntwa Da
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2011
km 11/11 kr. 3

Su a Ɛho Hia Paa sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Pa Nya

1. Su a ɛho hia paa bɛn na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa nya?

1 Dɛn na ɛma obi tumi de Bible kyerɛkyerɛ afoforo yiye? So ɛyɛ wiase nhomasua? Osuahu? Ɔdom akyɛde? Nokwarem no, ɛne su a ɛma wowie Mmara no so di, nea ɛma wohu wɔn a wɔyɛ Yesu asuafo, na ɛno ne Yehowa su titiriw paa a ɛtwe afoforo bɛn no. (Yoh. 13:35; Gal. 5:14; 1 Yoh. 4:8) Ɛno ne ɔdɔ. Akyerɛkyerɛfo pa da ɔdɔ adi.

2. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yenya ɔdɔ ma nkurɔfo?

2 Da Ɔdɔ Adi Kyerɛ Nnipa: Yesu a ɔne Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no daa ɔdɔ adi kyerɛɛ nnipa, na eyi ma wotiee no. (Luka 5:12, 13; Yoh. 13:1; 15:13) Sɛ yedwen nkurɔfo ho a, yɛde hokwan biara a yebenya no bedi wɔn adanse. Yɛremma akwanside te sɛ ɔtaa ne anigye a wɔnkyerɛ wɔ asɛm no ho mmu yɛn abam. Yebefi komam akyerɛ wɔn a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no ho anigye, na yɛama ɔkwan a yɛfa so ka asɛm no adi nneɛma a ɛhaw wɔn ho dwuma. Ɛnyɛ bere a yɛwɔ Bible suani biara nkyɛn no nkutoo na yebenya wɔn ho bere na mmom bere a yɛresiesie yɛn ho ama adesua biara no nso.

3. Ɔkwan bɛn so na Bible mu nokware ho anigye bɛboa yɛn wɔ asɛnka mu?

3 Kyerɛ Bible mu Nokware ho Anigye: Ná Yesu nso ani gye Bible mu nokware ahorow no ho, na na obu no sɛ ɛyɛ ademude. (Mat. 13:52) Sɛ yɛn ani gye nokware no ho a, yɛde anigye bɛkasa, na eyi bɛkanyan yɛn atiefo anigye. Anigye a ɛte saa no bɛboa ma yɛde yɛn adwene asi asɛm a mfaso wɔ so a yɛreka akyerɛ afoforo no so na ɛnyɛ yɛn sintɔ, na ɛremma ehu kɛse nka yɛn wɔ asɛnka mu.

4. Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so ada ɔdɔ adi?

4 Nya Ɔdɔ: Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ɔdɔ ama nkurɔfo? Yebetumi ayɛ saa bere a yesusuw ɔdɔ a Yehowa ne ne Ba no ada no adi ne honhom fam tebea a ɛyɛ hu a yɛn asasesin no mu nnipa wom ho no. (Mar. 6:34; 1 Yoh. 4:10, 11) Kokoam adesua ne nea yesua a yedwinnwen ho daa no bɛma anigye a yɛwɔ wɔ Bible mu nokware ahorow ho no ayɛ kɛse. Ɔdɔ yɛ honhom aba no fã. (Gal. 5:22) Enti yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn honhom kronkron na ɔmmoa yɛn mma ɔdɔ a yɛwɔ no nyɛ kɛse. (Luka 11:13; 1 Yoh. 5:14) Ɛmfa ho sɛnea yɛn nhomasua, yɛn suahu wɔ nokware no mu, ne yɛn dom akyɛde te no, ɔdɔ a yɛbɛda no adi no bɛma yɛatumi ayɛ Bible akyerɛkyerɛfo a wotu mpɔn.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena