Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/12 kr. 7
  • Nkaprɛ Mma Abien a Ɛnsom Bo Ahe Biara

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaprɛ Mma Abien a Ɛnsom Bo Ahe Biara
  • Yɛn Ahenni Som—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Dɔ Wɔn A Wɔtew Wɔn Anim Ma Ade
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Ɔde Pii Beguu Mu Sen Wɔn a Aka Nyinaa
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • So Wunim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Yehowa Ani Sɔ Wo Som a Efi Ɔkra Nyinaa Mu No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2012
km 4/12 kr. 7

Nkaprɛ Mma Abien a Ɛnsom Bo Ahe Biara

Sika a yeyi de boa asɛnka adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa no yɛ ɔkwan titiriw biako a yɛfa so boa Ahenni nneɛma. Na sɛ yɛnyɛ adefo nso ɛ?

Bere bi, Yesu huu okunafo hiani bi sɛ ɔde nkaprɛ mma abien a ɛnsom bo ahe biara regu ntoboa adaka a ɛwɔ asɔrefie hɔ no mu. Ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no kanyan no ma “ofi ne hia mu de nea ɔwɔ nyinaa, n’asetenade nyinaa” mae. (Mar. 12:41-44) Yesu hui, na ɔkyerɛe sɛ ne ntoboa no som bo wɔ Onyankopɔn ani so. Saa ara na afeha a edi kan no mu Kristofo ammu asɛyɛde a na wɔwɔ sɛ wobeyi sika de aboa ɔsom adwuma no sɛ ɛyɛ Kristofo a wɔyɛ adefo nkutoo na wɔwɔ hokwan sɛ wɔyɛ saa. Ɔsomafo Paulo kaa nhwɛso a Makedoniafo yɛe no ho asɛm sɛ, “wɔn hia buruburoo” nyinaa akyi no, ‘wɔsrɛɛ ara sɛ yɛmma wɔn hokwan na womfi ayamye mu mfa nea wɔwɔ mma.’—2 Kor. 8:1-4.

Enti, sɛ ‘nkaprɛ mma abien a ɛnsom bo ahe biara’ na yebetumi ayi mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ketewa biara nsua. Sɛ yefi yɛn koma mu yi ntoboa a, ɛbɛsɔ yɛn soro Agya yamyefo no ani, efisɛ “Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma.”—2 Kor. 9:7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena