Onyankopɔn Asɛm a Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
1. Nhoma bɛn na woyii no adi wɔ afe 2010 ɔmantam nhyiam no ase, na ɔkwan bɛn so na yɛde bedi dwuma?
1 Yɛn ani gyei yiye bere a woyii nhoma foforo a ekura saa din no adi wɔ afe 2010 “Kɔ So Bata Yehowa Ho!” Ɔmantam Nhyiam ase no! Nhoma yi twe adwene si asuade a ɛwɔ Yeremia ne Kwadwom nhoma no mu a yebetumi de adi dwuma wɔ yɛn asetena mu da biara no so. (Rom. 15:4) Esiane sɛ wɔyɛe sɛ yɛde bɛyɛ Asafo Bible Adesua nti, yebefi ase asua wɔ dapɛn a efi ase November 5, 2012 no mu.
2. Dɛn nti na sɛ yesusuw Bible mu nhoma a ɛne Yeremia ne Kwadwom no ho a, yebetumi anya so mfaso?
2 Ɛso wɔ Mfaso Nnɛ: Yeremia a wɔde honhom kaa no ma ɔkyerɛw Bible mu nhoma yi hyɛɛ nkɔm wɔ bere a na emu yɛ den mu wɔ Yuda. Mfiase no, na ɔte nka sɛ ɔmfata sɛ ɔyɛ adwuma a wɔde hyɛɛ ne nsa no. (Yer. 1:6) Afei nso, amannifo ne ebia n’abusuafo a wofi ne kurom Anatot taa no. (Yer. 11:21, 22) Ntease wom sɛ ɛtɔ bere bi a, na Yeremia abam bu. (Yer. 20:14) Bere a yedi ahyɛde a wɔde ama yɛn sɛ ‘yɛnkɔ nkɔyɛ aman nyinaa asuafo’ no so no, yɛtaa hyia nsɛnnennen na yɛte nka sɛ Yeremia. (Mat. 28:19) Sɛ yesusuw ne nhoma a ɔkyerɛwee no ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛde ahotoso ne nnamyɛ ayɛ asɛnka adwuma no.
3. Ɔkwan bɛn so na yɛde Yeremia nhoma no mu nneɛma ahorow bi bedi dwuma?
3 Emu Nneɛma Bi: Wɔde nkyerɛwee soronko ahyɛ kyerɛw nsɛm atitiriw a yɛbɛkenkan wɔ adesua no mu no agyirae. Wɔde asɛmmisa a aba wom biako anaa abien a wɔde nkyerɛwee tuntum soronko akyerɛw de asi adesua no mu nsɛntitiriw so dua na akyerɛ baabi a dapɛn biara adesua kosi. Ɛsɛ sɛ wobisa atiefo saa nsɛm no de tĩ adesua no mu. Mfonini a ɛyɛ fɛ a asafo no mufo bɛpɛ sɛ wɔka ho asɛm wɔ nhoma no mu nyinaa.
4. Dɛn na yɛyɛ a ebetumi ama yɛanya Yeremia nhoma a yebesua no so mfaso kɛse?
4 Di kan sua na ama woanya adesua no so mfaso kɛse. Hwehwɛ nsɛntitiriw a wubetumi de adi dwuma wɔ w’asetenam ne asɛnka adwuma no mu. Ma mmuae bere nyinaa. Yehowa boaa Yeremia ma otumi de anigye ne akomatɔyam yɛɛ adwuma a ɔde hyɛɛ ne nsa no wiei. (Yer. 15:16) Momma nhoma foforo a yebesua yi mmoa yɛn mma yɛnyɛ yɛn asɛnka adwuma no saa ara.