Bɔ W’ahonim Ho Ban
1. Dɛn ne afe 2013 ɔsom afe da koro nhyiam titiriw no asɛmti, na dɛn nti na wosiesiee dwumadi yi?
1 Da biara yehyia tebea horow a ebetumi ama yɛn ahonim asɛe. Enti, da koro nhyiam titiriw a yɛbɛyɛ wɔ afe 2013 ɔsom afe mu no asɛmti ne “Bɔ W’ahonim Ho Ban.” (1 Tim. 1:19) Wɔasiesie dwumadi yi na aboa yɛn mu biara ma wasusuw ɔkwan a ɔbɛfa so de akyɛde a ɛsom bo a yɛn Bɔfo no de ama yɛn yi adi dwuma ho yiye.
2. Nsɛmmisa a ɛho hia bɛn na dwumadi no bɛma yɛanya ho mmuae?
2 Hwehwɛ Nsɛmmisa Yi Ho Mmuae: Dwumadi no bɛma yɛanya ahonim ho nsɛmmisa ason a ɛho hia ho mmuae:
• Dɛn na ebetumi asɛe ahonim no?
• Yɛbɛyɛ dɛn atumi atete yɛn ahonim?
• Yɛbɛyɛ dɛn atumi ade yɛn ho afi nnipa nyinaa mogya ho?
• Dɛn na Bible mu nsɛm a yedwinnwen ho na yɛde bɔ yɛn bra no ma wohu wɔ yɛn ho?
• Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛampira afoforo wɔ nneɛma a ɛfa ahonim ho mu?
• Mmofra, dɛn na mubetumi ayɛ de agyina nhyɛso a ɛbɛma moasɛe mo ahonim no ano?
• Nhyira bɛn na wɔn a wotie wɔn ahonim a honhom kyerɛ no kwan no nya?
3. Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛanya dwumadi no so mfaso?
3 Yehowa betumi aboa yɛn ma yɛagyina mmɔden a Satan bɔ sɛ ɔbɛsɛe yɛn ahonim no ano. Yɛn soro Agya Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no nam n’Asɛm ne n’ahyehyɛde no so reka akyerɛ yɛn sɛ: “Ɔkwan no ni. Momfa so.” (Yes. 30:21) Nhyiam yi yɛ ɔkwan biako a Yehowa nam so rema yɛn akwankyerɛ a ɛte saa. Enti, yɛ nhyehyɛe na kotie dwumadi no nyinaa. Tie dwumadi no yiye, na susuw sɛnea wode bɛbɔ wo bra no ho. Mommɔ dwumadi no ho nkɔmmɔ sɛ abusua. Sɛ yɛde akwankyerɛ a yenya no yɛ adwuma a, ɛbɛhyɛ yɛn den ma yɛakɔ so ‘akura ahonim pa’ mu. Na ɛbɛboa yɛn na Satan wiase no mu anigyede a ɛnkyɛ no amma yɛanyɛ biribi a ɛbɛsɛe yɛne Onyankopɔn ntam.—1 Pet. 3:16.