Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/12 kr. 1
  • Hu Adepa Wɔ Wo Brɛ Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hu Adepa Wɔ Wo Brɛ Mu
  • Yɛn Ahenni Som—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Dɔ Wɔn a “Wɔde Boasetɔ Sow Aba”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • ‘Monkɔ So Nsow Aba Pii’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • ‘Onyankopɔn Na Ɔma Enyin’!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Mpa Abaw!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2012
km 11/12 kr. 1

Hu Adepa Wɔ Wo Brɛ Mu

1. Dɛn na ebetumi abrɛ nsi a yɛde yɛ asɛnka adwuma no ase?

1 Wɔbɔɔ onipa sɛ ‘onhu adepa wɔ ne brɛ mu.’ (Ɔsɛnk. 2:24) Nanso, sɛ yentumi nhu sɛ yɛn asɛnka adwuma no resow aba a, abasamtu betumi asɛe yɛn anigye na abrɛ nsi a yɛyɛ no ase. Dɛn na ebetumi aboa na yɛn abam ammu?

2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya adwene a ɛfata wɔ sɛnea nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ asɛnka adwuma a yɛyɛ ho no ho?

2 Nya Adwene a Ɛfata: Kae sɛ ɛwom sɛ nnipa kakraa bi na wotiee Yesu de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ ne som adwuma no sow aba. (Yoh. 17:4) Yesu ka siei wɔ ne mfatoho a ɛfa ogufo no ho mu sɛ nnipa dodow no ara rentie Ahenni asɛm a ɛte sɛ aba no. (Mat. 13:3-8, 18-22) Nanso, yɛn mmɔdenbɔ ma yetumi yɛ pii.

3. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ‘asow aba’ bere mpo a nnipa pii ntie asɛm a yɛka no?

3 Sɛnea Yɛsow Aba Pii: Sɛnea Yesu mfatoho no kyerɛ no, wɔn a wotie asɛm no ‘bɛsow aba.’ (Mat. 13:23) Sɛ awi bɛtem fifi na enyin a, ɛnsow awi mmɛtem nketewaa, na mmom aba foforo. Enti aba a Kristofo sow no nyɛ nnipa foforo a wɔyɛ wɔn asuafo ankasa, na mmom Ahenni aba a ɛne Ahenni no ho asɛm a yɛka a ebu bɔ ho pii no. “Adepa” fi eyi mu ba, na sɛ nkurɔfo tie oo wɔantie oo, ɛma yenya akomatɔyam. Yɛreboa ma wɔatew Yehowa din ho. (Yes. 43:10-12; Mat. 6:9) Yɛanya hokwan a ɛne sɛ yɛresom sɛ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo. (1 Kor. 3:9) Na “anofafa aba” a ɛte saa no ma Yehowa ani gye.—Heb. 13:15, 16.

4. Dɛn na ebetumi afi yɛn asɛnka adwuma no mu aba a yennim?

4 Afei nso, ebia na yɛn adwumaden no resow aba a yenhu. Ebetumi aba sɛ nnipa bi a wɔtee asɛm a Yesu kae no ammɛyɛ n’asuafo kosii sɛ owiee ne som adwuma a ɔyɛe wɔ asase so no. Saa ara nso na ebia Ahenni aba a yegu no rennye ntini wɔ obi komam na anyin, nanso akyiri yi obetumi aba nokware no mu a yennim. Nokwarem no, nnepa pii tumi fi yɛn asɛnka adwuma no mu ba. Enti, momma ‘yɛnkɔ so nsow aba pii’ na yɛnna yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Yesu asuafo.—Yoh. 15:8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena