Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/13 kr. 1
  • Momfa Adiyifo no Nyɛ Nhwɛsode​—Yoel

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Momfa Adiyifo no Nyɛ Nhwɛsode​—Yoel
  • Yɛn Ahenni Som—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɔhwɛ A Yɛafa Mu No Ama Yehowa Mu Ahotoso A Yɛwɔ Mu Ayɛ Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Ɔsɛe Bi Fi Atifi Fam Rebobɔ Ba!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Henanom Na ‘Wobegye Wɔn Nkwa’?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Ma Yehowa Da No Ntra W’adwenem
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2013
km 7/13 kr. 1

Momfa Adiyifo no Nyɛ Nhwɛsode​—Yoel

1. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yoel ahobrɛase no wɔ asɛnka mu?

1 Hena ne odiyifo Yoel? Asɛm a ɔka fa ne ho ara ne sɛ, ɔyɛ “Petuel ba.” (Yoel 1:1) Odiyifo a ɔbrɛ ne ho ase yi twee adwene sii Yehowa asɛm so mmom na ɛnyɛ n’ankasa so. Yɛn nso yɛtwe afoforo adwene kɔ Yehowa ne Bible no so wɔ asɛnka adwuma no mu na ɛnyɛ sɛ yebegye ayeyi anaasɛ yɛbɛtwe adwene aba yɛn ho so. (1 Kor. 9:16; 2 Kor. 3:5) Bio nso, asɛm a yɛka no hyɛ yɛn den. Dɛn na ɛwɔ Yoel nkɔmhyɛ no mu a ebetumi ama yɛayɛ nsi na yɛanya anidaso nnɛ?

2. Dɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa da a abɛn pɛɛ no ka yɛn ma yɛyɛ?

2 “Yehowa Da no Abɛn.” (Yoel 1:15): Ɛwom sɛ mfe mpempem pii a abɛsen kɔ ni na wɔkyerɛw asɛm yi de, nanso ɛrenkyɛ koraa ɛbɛba mu. Wiase nsɛm tebea a ɛresɛe, asɛm no a nkurɔfo ntie, ne yɛn ho fɛw a wodi wɔ yɛn asasesin mu no nyinaa da no adi pefee sɛ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei adu. (2 Tim. 3:1-5; 2 Pet. 3:3, 4) Sɛ yesusuw sɛnea awiei no abɛn pɛɛ no ho a, yehu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛma asɛnka adwuma no ho hia yɛn paa wɔ yɛn asetena mu no.​—2 Pet. 3:11, 12.

3. Dɛn nti na asɛnka adwuma no ho hia paa bere a ahohiahia kɛse no rebɛn no?

3 “Yehowa Bɛyɛ Guankɔbea Ama Ne Man.” (Yoel 3:16): Ɔwosow a kyerɛwsɛm ka ho asɛm yi fa atemmu a Yehowa de bɛba wɔ ahohiahia kɛse no mu nkutoo ho. Esiane sɛ yenim sɛ Yehowa begye n’asomfo anokwafo saa bere no nti, ɛma yenya awerɛkyekye. (Adi. 7:9, 14) Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no na yehu sɛnea Yehowa boa yɛn no a, ɛma yɛn gyidi yɛ den na yenya boasetɔ. Saa su yi betumi aboa yɛn wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu.

4. Dɛn nti na yebetumi ama yɛn ani agye na yɛde akokoduru agyina nea yebehyia biara ano?

4 Ebinom ka sɛ Yoel nkɔmhyɛ no ka amanehunu nkutoo ho asɛm, nanso ɛma Onyankopɔn nkurɔfo nya anidaso sɛ wobegye wɔn. (Yoel 2:32) Ɛnde, nea yebehyia biara no momma yɛmfa akokoduru nnyina ano, na yɛmfa nsi nka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa bere a yetie asɛm a ɛwɔ Yoel 2:23 no. Ɛka sɛ: “Momma mo ani nnye, na munni Yehowa mo Nyankopɔn mu ahurusi.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena