Dɛn na Wode Nnapɔnna Bɛyɛ?
Esiane sɛ nnipa bebree nkɔ adwuma wɔ nyamesom ne ɔman nnapɔnna mu nti, mpɛn pii no, ɛyɛ bere pa a yebetumi de akɔ asɛnka. Wɔhyɛ asafo ahorow nkuran sɛ wɔnhyɛ da nyɛ asɛnka ho nhyehyɛe wɔ saa bere no mu. Sɛ nnipa a wɔwɔ asasesin no mu pii rensɔre ntɛm a, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛsakra bere a yɛde yɛ asɛnka nhyiam no mu. Wobetumi de nkaebɔ ama wɔ Ɔsom Nhyiam ase de aka asɛnka ho nhyehyɛe titiriw a wɔreyɛ no ho asɛm akyerɛ asafo no, na wɔahyɛ anuanom nyinaa nkuran ma wɔde wɔn ho ahyem. Nokwasɛm ni, nnapɔnna yɛ bere a yetumi de gye yɛn ahome anaa yɛde yɛ yɛn ankasa nneɛma. Enti, fa bere no bi kɔ asɛnka. Sɛ woyɛ saa a, wubenya anigye a ɛwɔ ɔsom adwuma a yɛyɛ no mu bi.—Mat. 11:29, 30.