Momfa Adiyifo no Nyɛ Nhwɛsode—Hosea
1. Asɛm bɛn na ebia woabisa wo ho pɛn?
1 Ebia bere bi na woredwinnwen Yehowa papayɛ ne ne mmɔborɔhunu ho, na wubisaa wo ho sɛ, ‘Dɛn na metumi de abɔ afɔre ama Yehowa?’ (Dw. 103:2-4; 116:12) Hosea yii ne yam de nneɛma bi bɔɔ afɔre na ama watumi adi Yehowa ahyɛde so. Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Hosea?
2. Dɛn nti na Hosea nhwɛso pa no betumi aboa yɛn ma yɛayere yɛn ho aka asɛm no?
2 Ka Asɛm no Mmere Bɔne Mu: Hosea hyɛɛ nkɔm faa Israel mmusuakuw du ahemman a na nokware som reyɛ agu wom no ho titiriw. Ɔhene Yeroboam II yɛɛ Yehowa ani so bɔne, na ɔtoaa nantwi ba som a Yeroboam I de sii hɔ no so. (2 Ahe. 14:23, 24) Ahemfo a wɔbaa akyiri no nso maa atoro som nyaa nkɔanim wɔ mmusuakuw du ahemman no mu kosii sɛ wɔsɛe ɔman no wɔ afe 740 A.Y.B. Ɛwom sɛ na atoro som redi akoten de, nanso Hosea de nokwaredi yɛɛ adwuma sɛ odiyifo bɛyɛ mfe 59. So yɛn nso yɛasi yɛn bo sɛ, sɛ nkurɔfo antie yɛn anaa wɔsɔre tia yɛn mpo a, yɛbɛkɔ so aka asɛm no?—2 Tim. 4:2.
3. Ɔkwan bɛn so na Hosea asetena ma yehu sɛ Yehowa wɔ mmɔborɔhunu?
3 Fa W’adwene Si Yehowa Mmɔborɔhunu So: Yehowa ka kyerɛɛ Hosea sɛ ɔnware “ɔbea aguaman.” (Hos. 1:2) Hosea yere Gomer woo ɔbabarima maa no, nanso akyiri yi ɔkɔwoo aguaman mma baanu. Hosea fi ne pɛ mu de ne yere no bɔne kyɛɛ no. Eyi ma yehu sɛnea Yehowa yii mmɔborɔhunu kɛse adi kyerɛɛ Israel man asoɔdenfo a na wɔanu wɔn ho no. (Hos. 3:1; Rom. 9:22-26) So yɛn nso, yɛayɛ yɛn adwene sɛ yɛde nneɛma a yɛn ani gye ho bɛto nkyɛn na ama yɛatumi aka asɛm no akyerɛ nnipa ahorow nyinaa? Saa a yɛbɛyɛ no bɛma wɔahu sɛ Yehowa wɔ mmɔborɔhunu.—1 Kor. 9:19-23.
4. Nneɛma bɛn na yebetumi de abɔ afɔre ama Yehowa?
4 Yehowa asomfo binom de wɔn nnwuma akɛse abɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bere pii bɛyɛ ɔsom adwuma no. Ahenni nneɛma nti, ebinom asi gyinae sɛ wobedi sigya, na ebinom nso apaw sɛ wɔrenwo. Sɛ yedwinnwen Hosea asetena ho a, ebia yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ, ‘Ɛyɛ me a anka merentumi nyɛ.’ Nanso, sɛ yɛte Yehowa papayɛ ase yiye na yɛma ne honhom kronkron no boa yɛn a, obetumi de yɛn ayɛ adwuma wɔ ɔkwan a yɛn adwene nnu ho so sɛnea ɔyɛɛ Hosea no.—Mat. 19:26; Filip. 2:13.