Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/14 kr. 2
  • Bɔ Mmɔden sɛ Wubedi Bere So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bɔ Mmɔden sɛ Wubedi Bere So
  • Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wudi Bere So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Bere So Di—Biribi A Ɛkyerɛ Anidahɔ
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Wudi Bere So?
    Nyan!—2016
  • Kyerɛ Onyankopɔn Fie ho Anisɔ
    Yɛn Ahenni Som—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2014
km 5/14 kr. 2

Bɔ Mmɔden sɛ Wubedi Bere So

1. Dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ odi bere so?

1 Yehowa di ne bere so bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, ɔboa n’asomfo “bere a ɛsɛ mu.” (Heb. 4:16) Ɔsan nso ma yɛn honhom fam “aduan bere a ɛsɛ mu.” (Mat. 24:45) Enti yebetumi anya ahotoso sɛ n’abufuw da no ‘renka akyi.’ (Hab. 2:3) Sɛnea Yehowa di bere so no boa yɛn paa! (Dw. 70:5) Nanso, yɛyɛ nnipa a yɛtɔ sin na yenni yɛn ho adagyew, enti bere so di betumi ayɛ den ama yɛn. Nanso, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden di bere so?

2. Sɛ yedi bere so a, dɛn nti na ɛhyɛ Yehowa anuonyam?

2 Yɛte nna a edi akyiri mu, enti nnipa pii ayɛ ahopɛ na wontumi nni wɔn ho so, eyi ama nnipa a wodi bere so ho ayɛ na paa. (2 Tim. 3:1-3) Enti, sɛ Kristoni bi kɔ adwuma ntɛm a nkurɔfo hu. Sɛ ɔne nkurɔfo hyehyɛ ho sɛ wobehyiam ayɛ biribi, na odi bere so a, ɛno nso amanfo hu. Eyi nyinaa hyɛ Yehowa anuonyam. (1 Pet. 2:12) Bisa wo ho sɛ, sɛnea midu adwumam ntɛm no, saa ara na ɛba Onyankopɔn som mu a meyɛ anaa daa meka akyi? Yɛn soro Agya no yɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ, enti sɛ yedu Kristofo nhyiam ase ansa na yɛato dwom abɔ mpae a, na yɛresuasua no.—1 Kor. 14:33, 40.

3. Adɛn nti na sɛ yedi bere so a, ɛkyerɛ sɛ yedwen afoforo ho?

3 Sɛ yedi bere so a, ɛkyerɛ sɛ yedwen afoforo ho. (Filip. 2:3, 4) Fa no sɛ worekɔ Kristofo nhyiam anaa asɛnka nhyiam, sɛ wudu hɔ ntɛm a, worentwetwe wo nuanom adwene mfi dwumadi no so. Nanso, sɛ daa woka akyi a, ɛbɛma afoforo anya adwene sɛ wudwen wo nkutoo wo ho. Sɛ obi di bere so a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnokwafo, ɔyɛ nsi, na wode wo ho to no so a, ɛyɛ yiye. Ɛma obiara pɛ n’asɛm.

4. Sɛ yɛtaa ka akyi a, dɛn na yebetumi ayɛ wɔ ho?

4 Sɛ wotaa ka akyi a, gye bere susuw nea ɛma ɛba saa no ho. Sɛ woyɛ wo bere nhyehyɛe yiye a, ɛbɛma woatumi atoto wo nneɛma yiye, na woahu bere a ɛsɛ sɛ wode yɛ wo biribiara. (Ɔsɛnk. 3:1; Filip. 1:10) Bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo. (1 Yoh. 5:14) Ahyɛde akɛse mmienu a ɛwɔ Mmara no mu ne sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn na yɛadɔ yɛn yɔnko nnipa; enti sɛ yedi bere so a, ɛkyerɛ sɛ yɛredi saa ahyɛde no so.—Mat. 22:37-39.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena