Fa Wɛbsaet Kratawa Foforo no Yɛ Adwuma
Kratawa no asɛmti ne, Ɛhe na Yebenya Nsɛmmisa a Ɛho Hia Paa no Ho Mmuae? Wɔde nsɛmmisa mmiɛnsa aba kratawa no akyi. Enti sɛ wode kyerɛ obi na n’ani gye ho a, bisa no ma ɔnkyerɛ nea ɔpɛ sɛ ɔnya ho mmuae, na kyerɛ no sɛnea ɔbɛtumi anya ho mmuae wɔ Wɛbsaet no so. Ɔnkɔ BIBLE NKYERƐKYERƐ > BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE. Ɔkɔ hɔ a, ɔbɛnya nsɛmmisa yi nso ho mmuae: Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni? Dɛn na Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ?
Fa kratawa yi bi hyɛ wo ho bere nyinaa na wode aboa nkurɔfo ma wɔahu nneɛma pa a Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ daakye a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no.