Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Fa Ahotoso Ka Ahenni no Ho Asɛm
Nea Enti a Ɛho Hia: Sɛ yɛbɛtumi de afotu a ɛwɔ 2 Timoteo 1:7, 8 ayɛ adwuma a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛde ahotoso ka Ahenni no ho asɛm. Yɛbɛyɛ dɛn anya ahotoso de aka Ahenni no ho asɛm?
Sɔ Eyi Hwɛ wɔ Ɔsram Yi Mu:
Pɛ obi a wobɛtumi adi no adanse, na bɔ Yehowa mpae ma ɔmma wo akokoduru a wode bɛkasa.