Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/14 kr. 2-3
  • Yɛabɔ Ahenni no Ho Dawuru Mfe Ɔha!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛabɔ Ahenni no Ho Dawuru Mfe Ɔha!
  • Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1914-2014: Ahenni no Adi Tumi Mfe Ɔha!
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Ahenni no Adi Mfe 100​—Ɛka Wo Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni Ho Hia Wo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Wɔn a Wɔka Asɛmpa No​—Asɛmpakafo a Wɔatu Wɔn Ho Ama Koraa
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2014
km 8/14 kr. 2-3

Yɛabɔ Ahenni no Ho Dawuru Mfe Ɔha!

1. Bɛyɛ mfe 100 ni no, dɛn na wɔka kyerɛɛ Yehowa nkurɔfo sɛ wɔnyɛ?

1 “Hwɛ, Ɔhene no di tumi! Mo na moyɛ n’adawurubɔfo. Enti mommɔ, mommɔ, mommɔ, Ɔhene no ne n’ahenni dawuru.” Bɛyɛ mfe 100 ni na Onua Rutherford kaa saa asɛm yi, na ɛhyɛɛ Yehowa nkurɔfo nkuran sɛ wɔnni Ahenni no ho adanse nkɔ asase ano nohoa. Saa pɛpɛɛpɛ na yɛayɛ! Sɛnea tete Kristofo no yɛe no, yɛn nso yɛaka Ahenni no ho asɛmpa “wɔ abɔde a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu.” (Kol. 1:23) Sɛ yɛtwa yɛn ani hwɛ yɛn akyi bɛboro mfe 100 a atwam no a, dɛn na yɛayɛ de abɔ Onyankopɔn Ahenni no ho dawuru? Bere a aka kakra ama Ahenni no adi mfe 100 yi, yɛbɛyɛ dɛn akɔ so abɔ Ahenni no ho dawuru?

2. Ɔkwan bɛn so na yɛn nhoma ahorow no abɔ Onyankopɔn Ahenni no ho dawuru?

2 Nea Yɛatumi Ayɛ: Yɛn nhoma ahorow no abɔ Onyankopɔn Ahenni no ho dawuru mfe pii. Efi afe 1939 reba no, edin a ɛda yɛn nsɛmma nhoma a yɛde yɛ adwuma paa no so ne, Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ. Nsɛmma nhoma no taa ka Ahenni no ne nea ɛbɛyɛ daakye ho asɛm. Nyan! nsɛmma nhoma no nso ma yɛhu sɛ Onyankopɔn Ahenni no nkutoo na ɛbɛtumi aboa adesamma. Ɛno nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wiase nyinaa, saa nsɛmma nhoma mmienu yi na wɔakyerɛ ase kɔ kasa pii mu; ɛno nso ne nsɛmma nhoma a wɔakyekyɛ sen biara!​—Adi. 14:6.

3. Akwan bɛn na yɛafa so abɔ Ahenni no ho dawuru?

3 Yehowa asomfo afa akwannuasa nyinaa so abɔ Ahenni no ho dawuru. Tete no, yɛde kar a akasam si so, radio, ne gramafon yɛɛ adwuma de kaa Ahenni no ho asɛm. Saa bere no na Ahenni asɛmpakafo kakraa bi na wɔwɔ hɔ, enti saa nneɛma yi boa ma yɛkaa asɛmpa no kɔɔ akyiri. (Dw. 19:4) Seesei, yɛde nsɛm pii agu jw.org Wɛbsaet no so, enti yɛnam so ka Ahenni no ho asɛm kyerɛ nnipa ɔpempem pii. Eyi ama nnipa bi a wɔtete aman a wɔabara yɛn adwuma wɔ hɔ mpo ate asɛmpa no.

4. Akwan atitiriw bɛn na yɛfa so yɛ asɛnka adwuma no?

4 Yehowa asomfo afa akwan atitiriw bi so aka Ahenni no ho asɛm. Ɛho nhwɛso ni. Efi afe 1995 reba no, yɛyɛe sɛ yɛbɛhyɛ afie afie asɛnka no mu gya, enti yɛkaa asɛm no wɔ baguam, kar gyinabea, ne nnwuma ahorow mu. Nnansa yi ara, yɛde nkurow akɛse mu baguam adansedi nso abɛka ho. Asafo ahorow pii nso hyehyɛ nhoma gu trɔk ne pon so de yɛ baguam adansedi wɔ mmeae a nnipa taa fa paa wɔ wɔn asasesin mu. Nanso, afie afei asɛnka no da so ara yɛ ɔkwan titiriw a yɛfa so ka Ahenni no ho asɛm.​—Aso. 20:20.

5. Hokwan bɛn na ɔsom afe foforo no bɛma yɛn mu pii anya?

5 Yɛrekɔ Yɛn Anim: Ɔsom afe foforo a ebefi ase September no, anuanom bebree de wɔn ho bɛhyɛ daa akwampae adwuma no mu. Wo nso wobɛyɛ bi anaa? Sɛ worentumi nyɛ daa kwampaefo a, akwampaefo boafo nso ɛ? Sɛ wotumi yɛ ɔkwampaefo oo, wantumi anyɛ oo, biribiara a wode bɛbɔ afɔre ma woatumi abɔ Ahenni no ho dawuru sɛnea ɛsɛ no, akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa bɛhyira wo.​—Mal. 3:10.

6. Adɛn nti na October 2014, bɛyɛ bosome titiriw?

6 Bere a Ahenni no fii ase dii tumi no, October 2014, na adi mfe 100. Ɛno nti, Ɔwɛn-Aban a yɛde ma ɔmanfo a ɛbɛba October mu no bɛtwe adwene asi Onyankopɔn Ahenni no so. Adɛn nti na edu hɔ a, wonyere wo ho nkyekyɛ saa Ɔwɛn-Aban no mma nnipa pii? Bere a yɛrehwɛ nea ɛbɛba daakye kwan no, momma yɛn mu biara nkɔ so ‘nka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa’ nkyerɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔtie no nyinaa.​—Aso. 8:12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena