Sɛnea Yɛbɛyɛ Bible Adesua a Ɛtu Mpɔn
1. Asɛyɛdeɛ bɛn na adawurubɔfoɔ wɔ?
1 Obiara ntumi mmɛsom Onyankopɔn gye sɛ ɔno ankasa “twe no.” (Yoh. 6:44) Nanso ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfoɔ biara yɛ ne fam deɛ. Ɔkwan bɛn so? Ɛne sɛ ɔbɛboa nea ɔne no sua Bible no ma wabɛn ne soro Agya no. (Yak. 4:8) Sɛ ɔbɛtumi ayɛ saa a, gye sɛ ɔgye berɛ siesie ne ho. Sɛ yɛma adesua no yɛ akenkan ne nsɛmmisa nko ara a, yɛn Bible asuafoɔ rente adesua no ase yie na kampɛsɛ wɔanya nkɔsoɔ.
2. Sɛ yɛma yɛn nkyerɛkyerɛ tɔ asom a, dɛn na ɛbɛfi mu aba?
2 Sɛ yɛbɛtumi ne nkurɔfoɔ asua adeɛ ma aka wɔn akoma a, ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma (1) wɔte Bible nkyerɛkyerɛ ase yie, (2) wɔgye nea Bible ka no tom, na (3) wɔde nea wɔresua fi Bible mu no bɔ wɔn bra. (Yoh. 3:16; 17:3; Yak. 2:26) Obi mfiti prɛko pɛ nyɛ wei nyinaa; ebia ɛbɛgye asram kakra. Nanso anammɔn biara a osuani no bɛtu no, ɛbɛka no abɛn Yehowa na aboa no ma wahyira ne ho so ama no.
3. Adɛn nti na ɛhia sɛ yɛbisa yɛn asuafoɔ nsɛm de hu nea ɛwɔ wɔn adwenem?
3 Dɛn na Ɛwɔ Bible Suani no Adwenem?: Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ osuani no te nea ɔresua no ase na ɔgye tom? Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nkuran ma ɔkyerɛ n’adwene; ɛnsɛ sɛ yɛworo nsɛm gu ne so. (Yak. 1:19) Bisa wo ho sɛ: Ɔte nea Bible reka no ase yie? Ɔno ankasa bɛtumi akyerɛkyerɛ nea moresua no mu? Nea ɔresua no, ɛka no sɛn? Ɔgye nea Bible rekyerɛkyerɛ no di, na ɔhwɛ a nteaseɛ wom? (1 Tes. 2:13) Ɔgye tom sɛ nea ɔresua no, ɛsɛ sɛ ɔde bɔ ne bra? (Kol. 3:10) Sɛ yɛbɛhu wei nyinaa a, gye sɛ yɛfa kwan bi so bisa nsɛm de hu n’adwene na yɛyɛ aso tie no yie.—Mat. 16:13-16.
4. Sɛ ɛyɛ den ma wo suani sɛ ɔbɛte Bible nkyerɛkyerɛ bi ase anaa ɔde bɛbɔ ne bra a, dɛn na wobɛyɛ?
4 Nneɛma bi wɔ hɔ a, yɛasua anaa wɔde atete yɛn ma agye ntini wɔ yɛn mu, enti ɛnyɛ mmerɛ sɛ yɛbɛgyaa mu prɛko pɛ; ɛbɛgye berɛ kakra. (2 Kor. 10:5) Ɛnneɛ, sɛ yɛn suani no nnye nea ɔresua no ntom anaa ɔmfa mmɔ ne bra a, dɛn na yɛbɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛnya aboterɛ ma Onyankopɔn Asɛm wurawura n’akomam na honhom kronkron yɛ ne mu adwuma. (1 Kor. 3:6, 7; Heb. 4:12) Sɛ ɛyɛ den ma wo suani sɛ ɔbɛte Bible nkyerɛkyerɛ bi ase anaa ɔde bɛbɔ ne bra a, nhyɛ no. Mmom, monkɔ asɛm foforɔ so. Sɛ yɛnya aboterɛ kyerɛkyerɛ Bible asuafoɔ nkakrankakra a, ɛbɛdu baabi no ebia wɔn ara bɛyɛ nsakraeɛ.