BIBLE MU AKORADE | ESRA 1-5
Yehowa Di Ne Bɔhyɛ So
Nea Yɛaprente
Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma wɔasan de nokware som asi hɔ wɔ ne fie a na ɛwɔ Yerusalem no. Nanso bere a atukɔfo no fi Babilon beduu Yerusalem no, wohyiaa ɔhaw bebree; wɔhyɛɛ mmara a anka wɔde besiw wɔn kwan ma wɔagyae adwuma no. Ɛmaa Israelfo no bɔɔ hu sɛ ebia wɔrentumi nwie adwuma no.
b. 537 A.Y.B.
Kores hyɛɛ mmara sɛ wɔnsan nsi asɔrefie no
-
Bosome a ɛto so ason
Osii afɔremuka; ɔbɔɔ afɔre
-
536 A.Y.B.
Wɔtoo fapem
-
522 A.Y.B.
Ɔhene Artasasta ma wogyaee adwuma no
-
520 A.Y.B.
Sakaria ne Hagai hyɛɛ wɔn nkuran ma wofii ase sii asɔrefie no
-
515 A.Y.B.
Wosii asɔrefie no wiei