BIBLE MU AKORADE | HIOB 38-42
Yehowa Ani Sɔ Mpae a Yɛbɔ Ma Afoforo
Ná Yehowa pɛ sɛ Hiob bɔ mpae ma Elifas, Bildad ne Sofar
Yehowa ka kyerɛɛ Elifas, Bildad ne Sofar sɛ wɔnkɔ Hiob hɔ nkɔbɔ ɔhyew afɔre
Ná ɛsɛ sɛ Hiob bɔ mpae ma wɔn
Bere a Hiob bɔɔ mpae maa wɔn akyi no, Yehowa hyiraa no
Yehowa hyiraa Hiob paa wɔ ne gyidi ne ne boasetɔ ho
Yehowa maa Hiob amanehunu no to twae, na ɔma ɔsan nyaa apɔwmuden
Hiob nnamfo ne n’abusuafo ma onyaa awerɛkyekye ankasa wɔ amane a ohui no nyinaa ho
Yehowa maa Hiob san dii yiye, na nea ɔhweree no, onyaa no mmɔho mmienu
Hiob ne ne yere san woo mma du
Hiob dii mfe 140 kaa ho, na ɔtenaa ase huu n’awo ntoatoaso nnan