BIBLE MU AKORADE | NNWOM 34-37
Fa Wo Ho To Yehowa So na Yɛ Papa
“Mma w’ani mmmere amumɔyɛfo”
Mma w’ani mmmere abɔnefo a asi wɔn yiye no na antwetwe w’adwene amfi Yehowa som so. Ɛrenkyɛ wɔn awiei bɛba. Fa w’adwene si honhom fam botae ne nhyira ahorow a worenya no so
“Fa wo ho to Yehowa so na yɛ papa”
Sɛ dadwen hyɛ wo so a, nya ahotoso sɛ Yehowa bɛboa wo ma woagyina ano. Ɔbɛboa wo ma wode nokwaredi asom no
Yere wo ho ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa no
“Ma w’ani nka Yehowa ho”
Yi bere pɔtee bi si hɔ fa kenkan Onyankopɔn Asɛm, dwinnwen ho na ama woatumi ahu Yehowa yiye
“Fa wo kwan hyɛ Yehowa nsa”
Nya Yehowa mu ahotoso koraa sɛ ɔbɛboa wo ma woadi ɔhaw biara so
Sɛ wuhyia ɔsɔretia, ɔtaa, anaa nkurɔfo sɛe wo din mpo a, kura abrabɔ pa mu
“Yɛ komm ma Yehowa, na tɔ wo bo ase twɛn no”
Mpere wo ho nyɛ biribiara a ebetumi asɛe w’anigye, ne wo ne Yehowa ntam
“Ahobrɛasefo benya asase no adi”
Yehowa beyi ɔhaw biara a worehyia no afi hɔ, enti hwehwɛ ahobrɛase na tɔ wo bo ase twɛn no
Boa wo mfɛfo gyidifo, na fa wiase foforo a abɛn no ho bɔhyɛ kyekye wɔn a wɔabotow no werɛ
Mesia Ahenni no de nhyira nwonwaso bɛba