BIBLE MU AKORADE | NNWOM 79-86
Hena na Ne Ho Hia Wo Sen Obiara wɔ W’asetena Mu?
Ɛbɛyɛ sɛ nea ɔhyehyɛɛ Dwom 83 no yɛ Lewini Asaf aseni, na ɔne Ɔhene Dawid tenaa ase wɔ bere koro mu. Ɔkyerɛw saa dwom yi bere a aman a na wɔne Israel ani nhyia rehunahuna Yehowa nkurɔfo no.
Odwontofo no mpaebɔ mu no, nea na ehia no paa yɛ Yehowa din ne ne tumidi, na ɛnyɛ ɔno ankasa nkwagye
Yɛn bere yi so, Onyankopɔn asomfo nso rehyia ɔtaa ahorow; ɛda biara ne ne deɛ. Sɛ yɛde nokwaredi gyina mu a, ɛhyɛ Yehowa anuonyam
Yehowa pɛ sɛ yehu ne din
Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn abrabɔ kyerɛ sɛ Yehowa ne nea ne ho hia sen obiara wɔ yɛn asetenam