BIBLE MU AKORADE | YEREMIA 25–28
Nya Akokoduru Te sɛ Yeremia
Yeremia bɔɔ ɔman no kɔkɔ sɛ wɔbɛsɛe Yerusalem sɛ Silo
Bere bi na apam adaka no wɔ Silo. Ná apam adaka no kyerɛ sɛ Yehowa ka ɔman no ho
Yehowa maa Filistifo faa apam adaka no kɔe, na ansan ankɔ Silo bio
Asɔfo, adiyifo, ne nkurɔfo no nyinaa kae sɛ wobekum Yeremia
Nkurɔfo no kyeree Yeremia, efisɛ wɔkaa sɛ wahyɛ nkɔm sɛ wɔbɛsɛe Yerusalem ne asɔrefie no
Yeremia anguan; ɔkɔɔ so yɛɛ n’adwuma
Yehowa bɔɔ Yeremia ho ban
Yeremia kɔɔ so nyaa akokoduru, na Yehowa nso dii n’akyi
Yehowa maa ɔkokodurufo Ahikam bɔɔ Yeremia ho ban
Yehowa taa Yeremia akyi na ɔhyɛɛ no nkuran. Enti otumi de mfe 40 kaa asɛm a na nnipa pii ani nnye ho