Wɔreka asɛm no wɔ afie afie wɔ Italy
Nsɛm a Yebetumi Aka
ƆWƐN-ABAN
Asɛmmisa: Onyankopɔn bɔɔ owu kaa nnipa ho?
Kyerɛwsɛm: Adi 21:4
Wubetumi Aka Sɛ: Ɔwɛn-Aban yi ma yehu nea Bible ka fa owu ne nkwa ho.
MA NKURƆFO NHU NOKWARE NO
Asɛmmisa: Adɛn nti na amanehunu adɔɔso saa?
Kyerɛwsɛm: 1Yo 5:19
Nokwasɛm: Satan Bonsam na odi wiase yi so.
YƐNE OBI SUA BIBLE A, YƐYƐ NO SƐN?
Wubetumi Aka Sɛ: Yehowa Adansefo ne nkurɔfo sua Bible a wonnye hwee. Ɛma nkurɔfo nya nsɛmmisa te sɛ wei ho mmuae: Adɛn nti na amanehunu adɔɔso saa? Ɛbɛyɛ dɛn na m’abusua ani agye? Video tiawa yi kyerɛ sɛnea yɛne nkurɔfo sua Bible. [Yi video a yɛato din Yɛne Obi Sua Bible a, Yɛyɛ no Sɛn? no.] Yebetumi de nhoma yi ayɛ yɛn adesua no. [Fa nhoma a yɛde yɛ Bible adesua no baako kyerɛ no, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, kyerɛ no sɛnea yɛyɛ adesua no.]
KYERƐW NEA W’ANKASA WOBƐKA
Hwɛ nsɛm a yebetumi aka no so na wo ankasa kyerɛw nea wobɛka.