BIBLE MU AKORADE | HESEKIEL 24–27
Nkɔmhyɛ bi a Ɛfa Tiro Ho Ma Yenya Ahotoso Kɛse wɔ Yehowa Asɛm Mu
Nea Yɛaprente
Hesekiel nhoma no kyerɛɛ ɔkwan pɔtẽẽ a na wɔbɛfa so asɛe Tiro.
Afe 607 A.Y.B. akyi hɔ baabi no, hena na ɔsɛee Tiro kurow no ankasa?
Afe 332 A.Y.B. no, hena na ɔde Tiro afabo yii kwan too nsu mu kɔsɛee Tiro supɔw?