KRISTOFO ABRABƆ
Nya Suban Pa—Ahobrɛase
NEA ENTI A ƐHO HIA:
Obi brɛ ne ho ase a, ɛma ɔne Yehowa ntam yɛ kama.—Dw 138:6
Obi brɛ ne ho ase a, ɛma ɔne afoforo ntam yɛ kama.—Flp 2:3, 4
Ahantan sɛe ade.—Mme 16:18; Hes 28:17
SƐNEA WUBENYA AHOBRƐASE:
Hwehwɛ afotu wɔ afoforo hɔ na fa yɛ adwuma.—Dw 141:5; Mme 19:20
Yi wo yam yɛ nnwuma a ɛba fam ma nkurɔfo.—Mt 20:25-27
Wowɔ adom akyɛde anaa hokwan bi a, hwɛ na amma woanhoman.—Ro 12:3
Nneɛma bɛn na metumi ayɛ de akyerɛ sɛ mebrɛ me ho ase paa?
MONHWƐ VIDEO A YƐATO DIN MMA BIRIBIARA NSƐE WO NOKWAREDI—AHOMASO, NA MUMMUA NSƐMMISA YI:
Obi tu yɛn fo a, nea yɛbɛyɛ wɔ ho no kyerɛ suban a yɛwɔ. Adɛn ntia?
Yɛpɛ sɛ yenya ahobrɛase a, mpaebɔ bɛboa yɛn sɛn?
Nneɛma bɛn saa na yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase?