KRISTOFO ABRABƆ
Wuhyia Sɔhwɛ a, Di Yehowa Nokware
Hwɛ video a yɛato din Di Nokware Te Sɛ Yesu—Sɔhwɛ Mu. Wuwie a, bua nsɛmmisa yi:
Bere a na wɔpɛ sɛ Sagoe tew Onyankopɔn so atua no, dɛn na wɔde yɛɛ no?
Dɛn na ɛboaa Sagoe ma ɔkɔɔ so dii Yehowa nokware?
Sɛn na Sagoe nokwaredi no hyɛɛ Yehowa anuonyam?