Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb18 March kr. 7
  • “Monkɔ So Nwɛn”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Monkɔ So Nwɛn”
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 25:1-12
  • ‘Wobɛkɔ So Awɛn’ Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Mmaabun Mfatoho no Ho Adesuade
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Mmabaa Mmadwemma Ne Nkwasea
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Woretie Kɔkɔbɔ No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
mwb18 March kr. 7
Mmaabun du a Yesu yɛɛ wɔn ho mfatoho no

BIBLE MU AKORADE | MATEO 25

“Monkɔ So Nwɛn”

25:1-12

Ɛwom sɛ Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no nti na ɔmaa mmaabun du mfatoho no de, nanso asuade titiriw a ɛwom no fa Kristofo nyinaa ho. (w15 3/15 9-14) “Enti monkɔ so nwɛn, na munnim da anaa dɔn no.” (Mt 25:13) Wubetumi akyerɛkyerɛ Yesu mfatoho no mu?

  • Ayeforokunu (nky. 1)—Yesu

  • Mmaabun mmadwemma a wɔayɛ krado (nky. 2)—Kristofo a wɔasra wɔn a wɔayɛ krado sɛ wɔde nokwaredi bɛyɛ wɔn adwuma na wɔhyerɛn te sɛ akanea kosi sɛ awiei no bɛba (Flp 2:15)

  • Wɔteɛm sɛ: “Ayeforokunu no ni oo!” (nky. 6)—Yesu mmae ho adanse

  • Mmaabun nkwaseafo (nky. 8)—Kristofo a wɔasra wɔn a wokohyia Ayeforokunu no nanso wɔankɔ so amma wɔn anni anna hɔ anni nokware

  • Mmaabun mmadwemma a wɔne afoforo ankyɛ wɔn ngo no (nky. 9)—Nsɔano a etwa to no akyi no, anokwafo a wɔasra wɔn no rentumi nyɛ biribiara mmoa wɔn a wɔanni nokware no efisɛ saa bere no na aka akyi dodo

  • “Ayeforokunu no bae” (nky. 10)—Yesu ba bebu atɛn bere a aka kakra ama ahohiahia kɛse no aba awiei no

  • Mmaabun mmadwemma no ne ayeforokunu no kɔ ayeforohyia no ase, na wɔto pon no mu (nky. 10)—Yesu boaboa n’anokwafo a wɔasra wɔn no ano kɔ soro, nanso wɔn a wɔanni nokware no de, wɔhwere wɔn soro akatua no

Mfatoho a Yesu yɛe no nkyerɛ sɛ wɔn a wɔasra wɔn no mu pii renni nokware ma enti ebehia sɛ wɔde afoforo si wɔn anan. Mmom, Yesu rebɔ Kristofo a wɔasra wɔn no kɔkɔ sɛ wɔn mu biara betumi apaw sɛ obesiesie ne ho, na wama n’ani ada hɔ awɛn anaasɛ ɔbɛyɛ ɔkwasea a onni nokware. Yesu tuu wɔn fo sɛ: “Munsiesie mo ho.” (Mt 24:44) Sɛ́ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛkɔ soro anaasɛ yɛbɛtena asase so no, nea Yesu hwehwɛ fi yɛn nyinaa hɔ ne sɛ yebesiesie yɛn koma sɛ yɛde nokwaredi bɛsom Onyankopɔn na yɛawɛn sɛnea ɔpɛ sɛ yɛyɛ no.

Dɛn na mereyɛ de akyerɛ sɛ merewɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena