KRISTOFO ABRABƆ
Adɛn Nti Na Ɛho Hia Pa Ara Sɛ Yɛtwe Yɛn Ho Fi Wiase Amanyɔsɛm Ho? (Mik 4:2)
Mfatoho a ɛfa Samariani bi a ɔboaa ne yɔnko ho no, ɛkae yɛn sɛ Yehowa nyiyi nnipa mu, na ɔpɛ sɛ ‘yɛyɛ nnipa nyinaa yiye,’ ɛmfa ho dibea a wɔwɔ wɔ asetena mu, wɔn honam ani hwɛbea, abusua anaa ɔman a wofi mu, ne ɔsom a wɔwom.—Ga 6:10; Aso 10:34.
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN ADƐN NTI NA ƐHO HIA PA ARA SƐ YƐTWE YƐN HO FI WIASE AMANYƆSƐM HO? (MIK 4:2), NA BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Yɛyɛ dɛn hu sɛ asɛm a ɛwɔ Mika 4:2 no fa nea ɛrekɔ so wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu nnɛ no ho?
Sɛ yɛka sɛ obi nni ɔfã biara wɔ amanyɔsɛm mu a, ɛkyerɛ sɛn? Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛrennyina ɔfã biara akyi?
Sɛn na Adiyisɛm 13:16, 17 ma yehu sɛ amammui ahyehyɛde no pɛ sɛ wonya yɛn adwene ne yɛn nneyɛe so nkɛntɛnso?
Nneɛma mmiɛnsa bɛn na ebetumi atwetwe yɛn ama yɛakogyina ɔfã bi akyi wɔ amanyɔsɛm mu?