BIBLE MU AKORADE | YOHANE 1-2
Yesu Yɛɛ N’anwonwade a Edi Kan
Anwonwade a edi kan a Yesu yɛe no ma yehu sɛnea na ɔte. Dɛn na Bible asɛm yi betumi ama yɛasua afa nea edidi so yi ho?
Ná Yesu wɔ anigyede ho adwempa, na na ɔne ne nnamfo bom gye wɔn ani
Ná sɛnea nkurɔfo te nka ho hia Yesu
Ná Yesu yam ye