3BIBLE MU AKORADE | ASOMAFO NNWUMA 19-20
‘Momma Mo Ani Mmra Mo Ho Ne Nguankuw No Nyinaa So’
Asafo mu mpanyimfo ma nguan no aduan, wɔbɔ wɔn ho ban na wɔhwɛ wɔn so. Wɔma ɛtena wɔn adwenem sɛ wɔde Kristo mogya a ɛsom bo no na atɔ nguan no mu biara. Asafo mu mpanyimfo a wɔde wɔn ho bɔ afɔre ma nguankuw no te sɛ nea Paulo yɛe no, wɔn nuanom Kristofo ani sɔ wɔn pa ara na wɔdɔ wɔn.