BIBLE MU AKORADE | ASOMAFO NNWUMA 25-26
Paulo De Asɛm No Kɔdan Kaesare, Na Afei Odii Ɔhene Herode Agripa Adanse
Ɛwom, ɛnsɛ sɛ yedwinnwen nea yɛbɛka ho bere a ‘wɔatwe yɛn akɔ amrado ne ahene anim,’ nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ ‘krado sɛ yɛde anoyi’ bɛma obiara a obebisa anidaso a yɛwɔ no ho asɛm. (Mt 10:18-20; 1Pe 3:15) Sɛ wɔn a wɔsɔre tia yɛn no bɔ mmɔden sɛ ‘wɔbɛfa mmara kwan so de ɔhaw aba’ yɛn so a, yɛbɛyɛ dɛn asuasua Paulo nhwɛso no?—Dw 94:20.
Yɛde hokwan a yɛwɔ wɔ mmara mu no bɛyɛ adwuma de agyina asɛmpa no akyi.—Aso 25:11
Sɛ yɛne atumfoɔ no rekasa a, yɛde obu bɛma wɔn.—Aso 26:2, 3
Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, sɛnea asɛmpa no aboa yɛne afoforo no, yɛbɛka ho asɛm akyerɛ wɔn.—Aso 26:11-20