KRISTOFO ABRABƆ
Dɛn Ne Yehowa Adwene?
Gyinae biara a yebesi, sɛ́ ɛyɛ ketewa anaa kɛse no, ɛsɛ sɛ yedi kan bisa yɛn ho sɛ, ‘Dɛn ne Yehowa adwene?’ Ɛwom, yɛrentumi nhu Yehowa adwene nyinaa de, nanso nea wada no adi wɔ n’Asɛm mu no siesie yɛn ma “adwuma pa biara.” (2Ti 3:16, 17; Ro 11:33, 34) Yesu huu nea Yehowa pɛ yiye, na ɔde dii kan wɔ n’asetena mu. (Yoh 4:34) Momma yensuasua Yesu, na yɛnyɛ nea yebetumi biara nsisi gyinae a ɛbɛsɔ Yehowa ani.—Yoh 8:28, 29; Efe 5:15-17.
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN MONKƆ SO NHU NEA YEHOWA PƐ (LE 19:18). WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm bɔ yɛn bra?
Sɛ yɛrepaw nnwom a yebetie a, Bible nnyinasosɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem?
Sɛ yɛrepaw ntade a yɛbɛhyɛ ne sɛnea yebesiesie yɛn ho a, Bible nnyinasosɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?
Nneɛma afoforo bɛn na yɛreyɛ a, ɛsɛ sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma?
Yɛbɛyɛ dɛn ayere yɛn ho ahu nea Yehowa pɛ?
Dɛn na gyinae ahorow a misisi no ma mihu fa me ne Yehowa abusuabɔ ho?