Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb19 June kr. 7
  • Paw Nneɛma a Wode Gyigye W’ani Nyansam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Paw Nneɛma a Wode Gyigye W’ani Nyansam
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Nneɛma a Ɛsɔ Yehowa Ani Gyigye W’ani
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Sɛnea Yɛbɛpaw Anigyede a Ɛfata
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Wubetumi Anya Anigyede a Ɛho Tew
    Nyan!—1997
  • Anigyede Ahorow​—Nya Emu Mfaso Horow Mu Anigye, Kwati Mu Mfiri
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
mwb19 June kr. 7

KRISTOFO ABRABƆ

Paw Nneɛma a Wode Gyigye W’ani Nyansam

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛpaw nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani nyansam? Efisɛ nea yɛpaw no bɛkyerɛ nea yɛpɛ sɛ yɛde hyɛ yɛn adwenem. Ebetumi ayɛ video a yɛpɛ sɛ yɛhwɛ, nnwom a yɛpɛ sɛ yetie, wɛbsaet ko a yɛpɛ sɛ yɛkɔ so, nhoma a yɛpɛ sɛ yɛkan, anaa video game a yɛpɛ sɛ yɛbɔ. Nneɛma a yɛpaw no betumi ama yɛanya suban pa anaa subammɔne. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnnɛ, nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani no pii wɔ hɔ a, Yehowa kasa tia nea ɛwom no. (Dw 11:5; Ga 5:19-21) Wei nti, Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ so nnwinnwen nneɛma a ɛhyɛ Yehowa anuonyam ho.​—Flp 4:8.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN DƐN NA MEMFA NNYIGYE M’ANI? NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Agodi bi a na ɛkɔ so wɔ Roma

    Ɔkwan bɛn so na nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani nnɛ no bi te sɛ agodi a na ɛkɔ so wɔ tete Roma no?

  • Onua kwampaefo bi ne aberantewa bi a ɔne no wɔ asafo mu reyɛ asɛnka adwuma

    Ɔkwan bɛn so na asafo no mufo betumi aboa mmabun ama wɔapaw nneɛma a wɔde begyigye wɔn ani nyansam?

  • Ɔsraani

    Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ Romafo 12:9 betumi aboa yɛn bere a yɛrepaw nea yɛde begyigye yɛn ani?

  • Adansefo mmerante bi rebɔ bɔɔl

    Nneɛma a ɛfata bɛn na wubetumi de agyigye w’ani wɔ baabi a wote?

ƐYƐ ANIGYEDE A WOHWƐ BI KƐKƐ ANAA NEA WUTUMI YƐ BI?

Ɛnnɛ, nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani no mu pii wɔ hɔ a, nea nkurɔfo reyɛ na yɛhwɛ bi. Video, nhoma ne TV so dwumadi ahorow ka nea nkurɔfo atumi ayɛ ho asɛm. Ɛwom, mfomso nni ho sɛ wobɛhwɛ nea nkurɔfo atumi ayɛ, nanso nkurɔfo pii ahu sɛ, sɛ wɔn ankasa yɛ biribi de gyigye wɔn ani a, ɛma wɔn ani gye pa ara. Sɛ nhwɛso no, ebinom ani gye ho sɛ wɔbɛbɔ sanku anaa wɔbɛdrɔdrɔ mfoni. Afoforo nso ani gye ho sɛ wɔbɛbɔ bɔɔl, wɔbɛkɔ akokyinkyin ahwɛ mmeaemmeae ne nea ɛkeka ho. Sɛ ɛyɛ anigyede a yɛhwɛ bi kɛkɛ oo, sɛ ɛyɛ nea yɛn ankasa yɛyɛ de gyigye yɛn ani oo, anigyede biara a yɛbɛpaw no, momma yɛnyɛ “ne nyinaa mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.”​—1Ko 10:31.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena